bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 1
Proverbs 1
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 2 →
1
Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie:
2
Sɛ nnipa mfa nhunu nyansa ne nkyerɛkyerɛ, sɛ wɔmfa nhunu nhunumu nsɛm mu;
3
sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nkyerɛkyerɛ, tenenee, atemmuo ne adeɛ a ɛtene;
4
sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa:
5
Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, na onimdefoɔ mfa nnya atɛmpa:
6
Sɛ wɔmfa nhunu abebusɛm ne akasabebuo, anyansafoɔ nsɛm ne wɔn mmɛ mu.
7
AWURADE suro ne nimdeɛ mfitiaseɛ; agyimifoɔ bu nyansa ne nkyerɛkyerɛ animtia.
8
Me ba, tie w’agya akwankyerɛ, na mpo wo na nkyerɛkyerɛ,
9
na ɛyɛ wo tiri animuonyam abotire ne wo kɔn mu ntweaban.
10
Me ba, sɛ nnebɔneyɛfoɔ gyegye wo a, mpene!
11
Sɛ wɔse: Bra ma yɛnkɔ mogya ho adɛm, ma yɛnkɔtɛ deɛ ɔdi bem kwa;
12
ma yɛmmemene wɔn anikan sɛ Asamando, ne amudifoɔ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu;
13
yɛbɛnya adeɛ a ne boɔ yɛ den nyinaa, yɛde asadeɛ bɛhyɛ yɛn afie ma.
14
Fa wo kyɛfa bɛbɔ yɛn deɛ mu, yɛn nyinaa bɛnya kotokuo baako.
15
Me ba, wo ne wɔn nnnante ɔkwan so. Twe wo nan firi wɔn sa so.
16
Na wɔn nan tu mmirika kɔ bɔne mu, na wɔyɛ ntɛm hwie mogya gu.
17
Na kwa ara na wɔasum fidie ntakraboa nyinaa anim.
18
Nanso wɔn ara wɔn mogya ho na wɔkɔ adɛm, wɔtɛ wɔn ara wɔn kra.
19
Saa na amim mu mfasopɛfoɔ nyinaa akwan teɛ, ɛfa ne wuranom kra kɔ.
20
Nyansa team mmorɔno so, ɔma wɔte ne nne mmɔntene so;
21
ɔteam adwabirem tire, kuro mu, kuro apono ano, ɔka ne nsɛm sɛ:
22
Da bɛn ara na mo ntetekwaa mobɛpɛ ntetekwaasɛm akɔsie? Na afɛdifoɔ bɛpɛ wɔn afɛdie, na nkwaseafoɔ akyiri nimdeɛ?
23
Monnane mo ho mma me kasakyerɛ. Hwɛ, mɛworo me honhom ama mo, mɛma moahunu me nsɛm.
24
Sɛ mafrɛ, na mokame, matene me nsam, na obi mfa nyɛ hwee,
25
na moto m’afotuo nyinaa twene, na me kasakyerɛ no, mompɛ nti,
26
me nso mɛsere mo mo amaneɛ mu, mo ahopopoɔ bɛba no, mɛyi mo ahi.
27
Mo ahopopoɔ ba sɛ aprannaa, na mo amaneɛ ba sɛ ahum, ahohiahia ne ahokyere ba mo so a,
28
ɛno na wɔbɛfrɛ me, na merennye so, wɔbɛhwehwɛ me nhema, na wɔrenhu me.
29
Ɛsiane sɛ wɔkyiri nimdeɛ, na wɔampɛ AWURADE suro,
30
wɔampɛ m’afotuo, na wɔpoo me kasakyerɛ nyinaa,
31
enti wɔbɛdi wɔn kwan so aba, na wɔn agyina a wɔtutuiɛ amee wɔn.
32
Na ntetekwaa akyirisan bɛku wɔn, na nkwasea yiedie bɛsɛe wɔn.
33
Na deɛ ɔtie me no deɛ ɔbɛtena hɔ komm, na ne ho adwo no a ɔnsuro mmusuo.
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 2 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31