bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 16
Proverbs 16
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 17 →
1
Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea, na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE.
2
Onipa akwan nyinaa so te n’ani so, na ahonhom karifoɔ ne AWURADE.
3
Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa, na wo nhyehyɛɛ bɛtim.
4
AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti, ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne.
5
Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.
6
Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so, na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.
7
Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a, ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ.
8
Tenenee mu ade ketewa yɛ sene nnɔbaeɛ pii a ɛmfiri tenenee mu.
9
Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho, na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn.
10
Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anomu, atemmuo mu nso n’ano mfom.
11
Abrammoɔ ne nsania tee yɛ AWURADE dea, fotoɔ mu aboɔ nyinaa yɛ ne nnwuma.
12
Ahemfo akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm die, na tenenee mu na akonnwa tim.
13
Ahemfo anisɔdeɛ ne ano tenenee, na deɛ ɔka deɛ ɛtene no, wɔdɔ no.
14
Ɔhene anibereɛ yɛ owuo abɔfoɔ, na ɔba nyansafoɔ pata no.
15
Ɔhene animteɛ mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ bereamporɔberɛ mu mununkum.
16
Sɛdeɛ nyansanya yɛ sene sika fa! ne nhunumunya sɛ wɔyi sene dwetɛ.
17
Teefoɔ tempɔn ne bɔne kwatie, deɛ ɔhwɛ ne kwan kora ne kra.
18
Ahantan di ɔsɛeɛ anim, na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan.
19
Ɛyɛ sɛ wo ne mmɔborɔfoɔ nya ahobrɛaseɛ honhom sene sɛ wo ne ahokyerɛfoɔ bɛkyɛ asadeɛ.
20
Deɛ ɔdwene asɛm soɔ no hunu papa, na nhyira ne deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ.
21
Wɔfrɛ akoma mu nyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ, na ano dɛdɛ ma adenim dɔ.
22
Nimdeɛ yɛ nkwa nsutire ma deɛ ɔwɔ, na agyimifoɔ deɛ, wɔn asotwe ne wɔn agyimisɛm.
23
Onyansafoɔ akoma kyerɛ n’ano nimdeɛ, na ɛma adenim dɔ wɔ n’anomu.
24
Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm, ɔkra adɔkɔdɔkɔwadeɛ ne nnompe nkwahosan.
25
Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ, na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan.
26
Odwumayɛni kɔm yɛ adwuma ma no, ɛfiri sɛ n’ano piapia no.
27
Obusuyɛfoɔ bɔre bɔne, na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehyeɛ.
28
Onipa kontonkyi hyɛ takrawɔgyam, na asomsɛmkani tete nnamfo ntam.
29
Omimdifoɔ sisi ne yɔnko, na ɔde no fa kwan a ɛnyɛ so,
30
ɔmua n’ani dwene akontonkyisɛm ho, ɔwe n’ano wie bɔneyɛ.
31
Abotire a ɛyɛ fɛ ne ɛdwono, wɔhu no tenenee kwan so.
32
Deɛ ne bo kyɛre fuo no yɛ sene dɔmmarima, na deɛ ɔdi ne honhom soɔ no sene deɛ ɔko fa kuro.
33
Srɛ so na wɔtwe tonto, na atemmuo nyinaa firi AWURADE.
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 17 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31