bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 29
Proverbs 29
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 30 →
1
Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.
2
Ateneneefoɔ di tumi a, ɔman ani gye, na ɔbɔnefoɔ di so a, ɔman si apini.
3
Onipa a ɔdɔ nyansa ma n’agya ani gye, na deɛ ɔne nnwamamfoɔ bɔ bɛsɛe n’adeɛ.
4
Ɔhene de atemmuo ma asase gyina, na akyɛdepɛfoɔ bɔ no.
5
Onipa a ɔdɛfɛdɛfɛ ne yɔnko no, ɔsum n’anammɔn fidie.
6
Onipa bɔne mmarato mu wɔ fidie, na ɔteneneeni bɛto ahurisie dwom, na n’ani agye.
7
Ɔteneneeni hunu mmɔborɔfoɔ asɛm di, ɔbɔnefoɔ nhunu saa nimdeɛ no.
8
Fɛdifoɔ sɔ kuro mu gya, na anyansafoɔ sianka abufuo.
9
Ɔba nyansafoɔ ne ogyimifoɔ di apereɛ a, ɔyɛ hoo oo, ɔsere oo, home nni mu.
10
Mogyapɛfoɔ tane pɛyɛfoɔ, na teefoɔ hwehwɛ ne kra agye no.
11
Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafoɔ dwodwo no ma no ka akyi.
12
Ɔpanin a ɔtie atorosɛm no, n’asomfo nyinaa yɛ abɔnefoɔ.
13
Adekoro bi da nso wɔ ohiani ne opooboni ntɛm, deɛ ɔte wɔn baanu nyinaa ani ne AWURADE.
14
Ɔhene a ɔbu nokwatɛn ma mmɔborɔfoɔ no, n’ahennwa bɛtim daa.
15
Abaa ne animka ma nyansa, na abɔfra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.
16
Abɔnefoɔ dɔɔso a, mmarato dɔɔso, nanso ateneneefoɔ bɛhunu wɔn ahweaseɛ.
17
Tenetene wo ba na wama woahome, na wama wo kra anika.
18
Anisoadehunu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso deɛ ɔbu mmara no, nhyira ne no.
19
Ɛnyɛ nsɛm na wɔde tea akoa, ɛfiri sɛ ɔte aseɛ mpo a, ɔremmu.
20
Wohunu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.
21
Deɛ ɔkorɔkorɔ n’akoa firi ne mmɔfraase no, akyire yi no ɔbɛyɛ sɛ ɔba.
22
Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa, na ɔbobɔnefoɔ mmarato dɔɔso.
23
Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.
24
Deɛ ɔne owifoɔ kyɛ adeɛ no tane ne kra, ɔte duabɔ no nso ɔnka.
25
Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.
26
Nnipa pii hwehwɛ ɔman sodifoɔ anim animuonyam, nanso AWURADE na obiara atemmuo firi no.
27
Ateneneefoɔ akyiwadeɛ ne busufoɔ, na ɔbɔnefoɔ nso akyiwadeɛ ne deɛ ne kwan yɛ tee.
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 30 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31