bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 2
Proverbs 2
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 3 →
1
Me ba, sɛ wotie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn,
2
sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom w’akoma ama nteaseɛ,
3
aane, sɛ wosu frɛ nhunumu, na woma wo nne so frɛ nteaseɛ,
4
sɛ wohwehwɛ n’akyiri kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akoradeɛ a ahunta a,
5
ɛno na wobɛhunu AWURADE suro, na woahunu Nyankopɔn ho nimdeɛ.
6
Na AWURADE na ɔma nyansa, n’anomu na nimdeɛ ne nteaseɛ firi ba.
7
Ɔkora nyansa mapa ma teefoɔ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔnam pɛpɛ,
8
sɛ ɔbɛkari atemmuo akwan, na wahwɛ n’ahotefoɔ kwan so.
9
Ɛno na wobɛhunu tenenee ne atemmuo ne adeɛ a ɛtene ne ɔkwan pa nyinaa mu.
10
Sɛ nyansa ba w’akoma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a,
11
adwempa bɛhwɛ wo so, na nteaseɛ abɔ wo ho ban,
12
na ayi wo afiri bɔne kwan mu ne onipa a ɔka nsɛm akontonkyi ho,
13
afiri wɔn a wɔgya akwantenenee hɔ kɔnante sum akwan soɔ no ho,
14
wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, wɔdi bɔne akontonkyisɛm ho ahurisie,
15
wɔn a wɔn atempɔn kyeakyea, na wɔn akwan danedane.
16
Na ayi wo afiri ɔbaa sansani nsam, afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm no nsam;
17
ɔno na wapo ne mmabaaberɛ mu kunu, na ne werɛ afiri ne Nyankopɔn apam;
18
na ne fie kom kɔ owuo mu, na n’akwan kɔ asamanfoɔ mu.
19
Wɔn a wɔkɔ ne ho mu biara nsane, na wɔrensi nkwa akwan mu.
20
Na woafa nnipa pa kwan so, na woadi ateneneefoɔ kwan so.
21
Na teefoɔ na ɛbɛtena asase no soɔ, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtena mu;
22
na wɔbɛtwa abɔnefoɔ afiri asase so, na wɔatu nkontompofoɔ afiri so.
← Chapter 1
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 3 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31