bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 8
Proverbs 8
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 9 →
1
Ɛno ɛnyɛ nyansa na ɛteam, na nteaseɛ ma ne nne soɔ?
2
Sorɔnsorɔn atifi, ɔkwan so, nkwanta so na ɛgyina,
3
na ɔteam aponkɛseɛ ho, kurotia, aboboano sɛ:
4
Mo, mmarima, na meteam mefrɛ mo, na me nne gyegye ma nnipa mma:
5
Mo, ntetekwaa, momma mo ani nte, na mo, nkwaseafoɔ, monnya nhunumu akoma.
6
Montie, na merebɛka nsɛm a emu da hɔ, na m’anomu bue de nsɛm a ɛtene ba;
7
na nokorɛ firi m’anomu, na m’ano akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm;
8
m’anomu nsɛm nyinaa nam tenenee mu, adeɛ a akyinkyim anaasɛ ɛkyea nni mu;
9
ne nyinaa mu da hɔ ma nhunumufoɔ, na ɛtene ma wɔn a wɔahunu nimdeɛ.
10
Momfa m’atenetene, na ɛnyɛ dwetɛ, na momfa nimdeɛ, na monnya sika a wɔayiyi mu.
11
Na nyansa yɛ sene mmota, na afɛfɛdeɛ nyinaa, wɔmfa nto ho.
12
Me, nyansa, me ne aniteɛ na ɛteɛ, na adwempa nimdeɛ na mehunu.
13
AWURADE suro ne bɔne tane: Ahokyerɛ, ahantan, ɔkwammɔne ne akontonkyisɛm ano na mekyire.
14
Afotuo ne nyansahunu wɔ me, mene nhunumu, mmaninyɛ wɔ me.
15
Me so na ahemfo nam di hene, na atitire hyɛ mmara tenenee;
16
me so na mpanimfoɔ nam di panin, ne aberempɔn, ne asase so atemmufoɔ nyinaa.
17
Me deɛ, medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me ntɛm hu me.
18
Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me hɔ, ahodeɛ a ɛkyɛre ne tenenee.
19
M’aba yɛ sene sika ne sika amapa, na me nnɔbaeɛ sene dwetɛ a wɔayiyi mu.
20
Tenenee tempɔn mu na menam, atemmuo akwan so pɛ,
21
sɛ merema m’adɔfo adi adeɛ, na mahyɛ wɔn adekorabea amaama.
22
AWURADE bɔɔ me de firii n’adwuma ase, ne nnwuma a ɛfiri teteete no mu adikan.
23
Ɔde me sii hɔ firi tete nteredee, firi mfitiaseɛ ansa na asase reba.
24
Abunu nni hɔ no, na wɔawo me, nsutire a ɛba nsuo pii nni hɔ no;
25
wɔnnya mfaa mmepɔ nsisii hɔ, na nkokoɔ nnya mmaeɛ no, na wɔawo me,
26
ɔnnya nyɛɛ asase ne wiram ne wiase mfuturo no.
27
Ɔsiesiee ɔsoro no, na mewɔ hɔ, berɛ a ɔtwaa abunu ani kɔntɔnkrɔn no;
28
ɔde mununkum sensɛnee soro pintinn, na ebunu mu nsuo aniwa paee denden,
29
ɔtwaa ɛpo hyeɛ, na nsuo antra, na ɔde asase fapem too hɔ no,
30
na mewɔ ne nkyɛn sɛ ne dwumfoɔ panin, na meyɛ n’adɔdeɛ daa daa. Na m’ani gye n’anim berɛ nyinaa mu,
31
na m’ani gye ne wiase asase so, na m’ani ka wɔ nnipa mma mu.
32
Na afei, mma, montie me, na nhyira ne wɔn a wɔdi m’akwan soɔ.
33
Montie atenetene na monhunu nyansa, na monnte atua.
34
Nhyira ne onipa a ɔtie me na ɔwɛn m’apono ano daa daa, na ɔhwɛ m’aboboano aponnwa soɔ.
35
Na deɛ ɔhu me no hunu nkwa, na ɔnya AWURADE hɔ anisɔ;
36
na deɛ ɔfom me no di ne kra aborɔ, wɔn a wɔtane me nyinaa dɔ owuo.
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 9 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31