bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 13
Proverbs 13
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 14 →
1
Ɔba nyansafoɔ tie agya atenetene, na ɔfɛdifoɔ deɛ ɔntie ntwianimu.
2
Onipa anomu aba so na ɔdi nnepa, na deɛ nkontompofoɔ kra pɛ ne mmusuo.
3
Deɛ ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, na deɛ ɔtrɛ n’anomu no nya ɔsɛeɛ.
4
Onihafoɔ kra kɔn dɔ, na ɔnnya, na nsiyɛfoɔ kra deɛ ɔbɛdɔre sradeɛ.
5
Ɔteneneeni tane atorosɛm, na abɔnefoɔ yɛ aniwudeɛ ne ahohoradeɛ.
6
Tenenee kora deɛ ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butu ɔdebɔneyɛfoɔ.
7
Obi yɛ ne ho defoɔ, nso na ɔnni hwee, obi nso yɛ ne ho hiani, nso na ɔwɔ adeɛ pii.
8
Obi kra agyedeɛ ne n’ahonyadeɛ, na ohiani deɛ, ɔnte ntwianim.
9
Teneneefoɔ hann dɛre anigyeɛ, na abɔnefoɔ kanea deɛ ɛbɛdum.
10
Ahantan de ntɔkwa nko na ɛba, na wɔn a wɔtie afotuo deɛ, nyansa ne wɔn te.
11
Ahonyadeɛ a ɛfiri ahuhudeɛ mu sua, na deɛ ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma no dɔ.
12
Anidasoɔ a ɛkyɛre muba ma akoma yare, na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua.
13
Deɛ ɔbu asɛm animtia de ɔsɛeɛ ba ne ho so, na deɛ ɔsuro mmara no deɛ, ɔbɛnya akatua.
14
Onyansafoɔ nkyerɛkyerɛ yɛ nkwa asutire, sɛ onipa de bɛfiri owuo fidie mu.
15
Nimdeɛ pa ma onipa anim ba nyam, na nkontompofoɔ kwan deɛ ɛyɛ aboabo.
16
Onitefoɔ yɛ n’adeɛ nyinaa nimdeɛ mu, na ɔkwasea deɛ ɔtrɛtrɛ n’agyimisɛm mu.
17
Ɔbɔfoɔ bɔne hwe amaneɛ mu, na ɔsomafoɔ nokwafoɔ deɛ ɔsa yadeɛ.
18
Ohia ne aniwuo ka deɛ ɔpo atenetene, na deɛ ɔbu animka no nya animuonyam.
19
Akɔnnɔdeɛ a nsa aka yɛ ɔkra dɛ, na bɔne mu fire yɛ nkwaseafoɔ akyiwadeɛ.
20
Ɛne anyansafoɔ mmɔ, na dane onyansani, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.
21
Bɔne ti nnebɔneyɛfoɔ, na ateneneefoɔ deɛ, ɔde papa tua wɔn ka.
22
Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni.
23
Ahiafoɔ mfuo ma aduane pii ba, nanso atɛntenenee nni hɔ a, wɔpra kɔ.
24
Deɛ ɔkora n’abaa tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no, tene no ntɛm so.
25
Ɔteneneeni bɛdidi ama ne kra amee, na abɔnefoɔ yafunu bɛda mpan.
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 14 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31