bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 9
Proverbs 9
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 10 →
1
Nyansa asi ne dan, wasene n’adum nson;
2
wakum ne mmoa, wafra ne nsa, na wasiesie ne pono nso;
3
wasoma ne mmaawa, ɔkɔteam kuro mu sorɔnsorɔmmea so sɛ:
4
Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! na deɛ ɔnni tire no, ɔse no sɛ:
5
Mommra mmɛdi m’aduane no bi, na monnom me nsa a mafra no bi.
6
Monnyaa ntetekwaayɛ na monnya nkwa, na monnante nhunumu kwan so.
7
Deɛ ɔtenetene ɔfɛdifoɔ no soa aniwuo, na deɛ ɔka ɔbɔnefoɔ anim no nya nkekaeɛ.
8
Nka ɔfɛdifoɔ anim na wantane wo; ka onyansafoɔ anim, na ɔbɛdɔ wo.
9
Tu onyansafoɔ fo, na ɔbɛkɔ so ahunu nyansa, ma ɔteneneeni nhunu de, na ɔbɛkɔ so n’adenim mu.
10
Ampa ara nyansa mfitiaseɛ ne AWURADE suro, na ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhunumu.
11
Na me nti na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde nkwa mfeɛ bɛka wo ho.
12
Sɛ wohunu nyansa a, wohunu fa, na sɛ wodi fɛw a, wo nko na wobɛsoa.
13
Ɔbaa kwasea yɛ ɔkasafoɔ, tibɔnkɔso a ɔnnim hwee;
14
ɔtena ne fie aboboano, kuro mu sorɔnsorɔn hɔ adwa so,
15
sɛ ɔrefrɛ wɔn a wɔresene ɔkwan soɔ, wɔnam wɔn nkwammɔeɛ so tee no sɛ:
16
Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! Na deɛ ɔnni tire nso, ɔse no sɛ:
17
Nsuo a wɔwia yɛ fremfrem, na ahuntaduane yɛ dɛ!
18
Nso onii no nnim sɛ nsamanfoɔ wɔ hɔ, Asamando abunu mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.
← Chapter 8
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 10 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31