bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 6
Proverbs 6
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 7 →
1
Me ba, sɛ wogyina wo yɔnko akyi, sɛ wodi ɔhɔhoɔ agyinamu,
2
sɛ wɔnam w’anomu asɛm so akye wo a,
3
yɛ yei mmom, me ba, na yi wo ho, ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam; kɔ kɔkoto, na srɛ wo yɔnko no.
4
Mma nna nnkɔ w’ani so, na mma w’anisuatɛtɛ nntɔ nko.
5
Yi wo ho sɛ adowa firi ɔbɔmmɔfoɔ nsam, sɛ anomaa firi fidisumfoɔ nsam.
6
Ɔkwadwofoɔ, kɔ tɛtea nkyɛn, hwɛ n’akwan, na hunu nyansa.
7
Ɔno na ɔnni otitire, ɔpanin anaa sodifoɔ bie,
8
nanso ɔsiesie n’aduane ahuhuberɛ, na ɔboaboa n’adidideɛ ano twaberɛ mu.
9
Wobɛda akɔsi da bɛn, ɔkwadwofoɔ? Berɛ bɛn na wobɛsɔreɛ afiri wo nna mu?
10
Nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a mɛpono mada kakra.
11
Ɛnna wo hia bɛto wo sɛ ɔkwanmukafoɔ, ne w’ahokyere sɛ ɛkyɛmkurafoɔ.
12
Onipa huhuo ne ɔbarima busuyɛfoɔ, ɔde ano kontonkyi nenam,
13
ɔbubu n’ani, ɔde ne nan kasa, ɔde ne nsateaa kyerɛkyerɛ adeɛ,
14
akontonkyisɛm wɔ n’akomam, ɔpam ne tirim apammɔne daa, takrawɔgyam na ɔhyɛ.
15
Enti mpofirim na ne sɛeɛ bɛba, wɔbɛbubu no amonom a wɔntumi nsa.
16
Adeɛ nsia yi na AWURADE tane, aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ,
17
ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma, ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo;
18
akoma a ɛdwene mmusuo adwene, nan a ɛyɛ herɛ tu mmirika kɔ bɔne mu;
19
ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm, ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam.
20
Me ba, bu w’agya mmara nsɛm, na nto wo na nkyerɛkyerɛ ntwene.
21
Fa kyekyere w’akoma ho daa nyinaa, na fa bebare wo kɔn ho hyia.
22
Wonam a, ma no nkɔgya wo, woda a, ɛnhwɛ wo so, na wonyane a, ɛnyɛ wo sɛmɔdɛbɔ.
23
Na mmara nsɛm no yɛ kanea, na nkyerɛkyerɛ no yɛ hann, na atenetene nkaanim yɛ nkwa kwan,
24
na ahwɛ wo so afiri ɔbaa bɔne ho, afiri ɔbaa hɔhoɔ tɛkyerɛma dɔkɔdɔkɔ ho.
25
Mma w’ani mmmere n’ahoɔfɛ w’akomam, na mma no mmfa n’anisuatɛtɛ nnkye wo.
26
Na ɛsiane ɔbaa dwamamfoɔ nti, wɔgyee ɔbarima paanoosini, na obi yere deɛ, wɔgyee no ne nkwa a ne boɔ yɛ den no.
27
Onipa de ogya bɛhyɛ ne kokom a ne ntadeɛ renhyeɛ?
28
Obi bɛfa nsramma so a ne nan renhyeɛ?
29
Saa na deɛ ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn teɛ, na obiara a ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn no renni bem.
30
Sɛ ɛkɔm de owifoɔ na ɔwia adeɛ sɛ ɔredi amee a, wɔmmu no animtia:
31
Nanso sɛ wɔhu no a, ɔbɔ ho mprɛnson, ɔde n’afideɛ nyinaa bɛma.
32
Deɛ ɔsɛe awadeɛ no nni ti, deɛ ɔyɛ saa no de sɛe ne kra.
33
Mmaa ne animguaseɛ na ɔbɛnya, na n’ahohora no, wɔmpepa.
34
Na ninkunu twetwe ɔbarima abufuhyeɛ, na aweretɔ da no ɔremfa nkyɛ;
35
ɔremmu mpata biara, na woma akyɛdeɛ dɔɔso mpo a, ɔrempene.
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 7 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31