bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 15
Proverbs 15
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 16 →
1
Mmuaeɛ bɔkɔɔ sianka anibereɛ, na asɛmdenden hwanyan abufuo mu.
2
Anyansafoɔ tɛkyerɛma ma nimdeɛ yɛ dɛ, na nkwaseafoɔ ano woro agyimisɛm.
3
AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.
4
Tɛkyerɛmabereɛ yɛ nkwa dua, na emu kyea yɛ honhom mu mmubuiɛ.
5
Ogyimifoɔ bu n’agya atenetene animtia, na deɛ ɔbu nkaanim no ani bɛte.
6
Ɔteneneeni fie wɔ ahodeɛ pii, na ɔbɔnefoɔ nnɔbaeɛ mu wɔ anitane.
7
Anyansafoɔ ano pete nimdeɛ, na nkwaseafoɔ akoma deɛ ɛntim.
8
Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.
9
Ɔbɔnefoɔ kwan yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na deɛ ɔdi tenenee akyi na ɔdɔ no.
10
Ntea a emu yɛ den wɔ hɔ ma deɛ ɔpo ɔkwan no, na deɛ ɔkyiri animka no bɛwu.
11
Asamando ne ɔsɛeɛ amena wɔ AWURADE anim, na nkantom nnipa mma akoma.
12
Ɔfɛdifoɔ nnɔ deɛ ɔka n’anim, ɔnkɔ anyansafoɔ nkyɛn.
13
Anigyeɛ akoma ma anim te, na akoma mu awerɛhoɔ bubu honhom.
14
Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ, na nkwaseafoɔ ano di agyimisɛm.
15
Ɔmanehunufoɔ nna nyinaa yɛ bɔne, na akoma pa te sɛ daa apontoɔ.
16
AWURADE suro mu ade ketewa yɛ sene ahodeɛ pii a ɔhaw bata ho.
17
Ɛfan aduane a ɔdɔ wɔ mu yɛ sene nantwie a wadɔ na ɔtane wɔ mu.
18
Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa mu, na abodwokyɛrefoɔ pata akayɛ.
19
Onihafoɔ kwan te sɛ nkasɛɛ ban, na teefoɔ kwan yɛ petee.
20
Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na onipa kwasea deɛ ɔbu ne na animtia.
21
Agyimisɛm yɛ anigyeɛ ma deɛ ɔnni tire, na nhunumu nipa tene ne nanteɛ.
22
Wɔkwati agyinakorɔ a, tirimbɔ yɛ ɔkwa, na agyinatufoɔ pii mu na ɛbɛgyina.
23
Onipa anomu mmuaeɛ yɛ anigyeɛ ma no, na asɛm a wɔka no ne berɛ mu, sɛdeɛ ɛsi yɛ!
24
Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ, na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no.
25
AWURADE dwiri ahantanfoɔ fie, na ɔma okunafoɔ hyeɛ tim.
26
Ɔbɔne adwene yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na nsɛm a ɛyɛ dɛ ho te.
27
Amim mu mfasopɛfoɔ sɛe ne fie, na deɛ ɔkyiri akyɛdeɛ bɛtena ase.
28
Ɔteneneeni akoma dwene mmuaeɛ ho, na abɔnefoɔ ano woro nsɛmmɔne.
29
AWURADE ne abɔnefoɔ ntam ware, na ateneneefoɔ mpaebɔ deɛ, ɔtie.
30
Aniwa so teɛ ma akoma tɔ yam, atesɛm pa deɛ ɛma nnompe mu dɔre sradeɛ.
31
Aso a ɛtie nkwa animka no, ɛbɛtena anyansafoɔ mu.
32
Deɛ ɔgyaa atenetene mu po ne kra, na deɛ ɔtie animka no nya akoma.
33
AWURADE suro ne nyansa atenetene, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
← Chapter 14
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 16 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31