bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 5
Proverbs 5
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 4
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 6 →
1
Me ba, tie me nyansa, brɛ w’aso ase ma me nteaseɛ;
2
na woahwɛ adwempa so, na w’ano akora nimdeɛ.
3
Na ɔbaa sansani ano kyi ɛwoɔ sosɔ, na n’anomu yɛ toro sene ngo;
4
na n’akyiri yɛ nwono sɛ ɔnwono, ɛyɛ nnam te sɛ nkrantɛ anofanu.
5
Ne nan siane kɔ owuo mu, Asamando na n’anammɔn tutu korɔ.
6
Nkwa kwan deɛ, ɔnkɔ ara da, n’anammɔn kyinkyini kɔ deɛ ɔnnim hɔ.
7
Na afei, me mma, montie me, na monnyi mo ho mmfiri m’anomu nsɛm ho.
8
Ma wo kwan mfiri ne ho nkɔ akyiri, na mmɛn ne fie pono ano;
9
na woamfa w’anidie amma ebinom, ne wo mfeɛ amma otirimuɔdenfoɔ;
10
na ahɔhoɔ anni w’adeɛ ammee, na w’adwumadeɛ antena obi hunu fie;
11
na wo nna a ɛdi akyire no, woampenepene, sɛ wo nipadua ne wo honam asa,
12
na woanka sɛ: Ao, sɛ metanee atenetene, na m’akoma kyirii animka nie!
13
na mantie m’akyerɛkyerɛfoɔ, na mammrɛ m’aso ase mamma me nyansakyerɛfoɔ!
14
Ɛkaa kumaa sɛ ɛsii me bɔne koraa, asafo ne adwabɔ mu.
15
Nom w’abura mu nsuo ne nsuo a ɛsene firi wo nsutire mu.
16
Wo nsuo aniwa bɛbu so afiri adi ayɛ mmɔntene so asutene;
17
ɛbɛyɛ wo nko ara wo dea, na ɛnyɛ wo ne ahɔhoɔ biara dea.
18
Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmeranteberɛ mu yerɛ ani nnye.
19
Na ɔte sɛ ɔtwe bereɛ dɔfo ne animuonyam wansane no. Ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, na tɔ ne dɔ mu ntintan daa nyinaa.
20
Me ba, adɛn na wotɔ ɔbaa nanani ho ntintan, na wosɔ ɔbaa hɔhoɔ kokom?
21
Na onipa akwan da AWURADE anim na ɔtaataa n’anammɔn nyinaa.
22
Ɔbɔnefoɔ amumuyɛ sɔ ne mu, na ne bɔne nhoma kye no.
23
Ɔkwati atenetene nti ɔbɛwu, na n’agyegyentwisɛm dodoɔ nti ɔbɛyera.
← Chapter 4
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 6 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31