bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Proverbs 20
Proverbs 20
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 19
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 21 →
1
Nsa yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan no nnim nyansa.
2
Ɔhene ho hu te sɛ gyata mmobom, deɛ ɔyi no abufuo no yɛ ne kra bɔne.
3
Ɛyɛ ɔbarima animuonyam sɛ ɔtwe ne ho firi ɔham mu, na agyimifoɔ deɛ, wɔpɛ ntɔkwa.
4
Awɔ nti ɔkwadwofoɔ mfuntum, twaberɛ mu ɔbɛhwehwɛ biribi, nanso ɔrennya hwee.
5
Ɔbarima akoma mu agyinatuo te sɛ nsuo a emu dɔ, nso deɛ ɔwɔ nhunumu bɛsa.
6
Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeɛyɛ, na ɔbarima nokwafoɔ deɛ, hwan na ɔbɛhu no?
7
Ɔteneneeni a ɔnam ne pɛyɛ mu, wɔbɛhyira ne mma wɔ n’akyi.
8
Ɔhene a ɔte asennie adwa soɔ de n’aniwa huhu bɔne nyinaa so.
9
Hwan na ɔbɛka sɛ: Mate no m’akoma mu, me ho afi afiri me bɔne ho?
10
Abrammoɔ ahodoɔ, susukodoɔ ahodoɔ, ne mmienu nyinaa yɛ AWURADE akyiwadeɛ.
11
Abɔfra mpo, wɔde ne nneyɛɛ na ɛhu no, sɛ n’adeyɛ bɛyɛ yie na atene.
12
Aso a ɛteɛ ne aniwa a ɛhunu, AWURADE na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa.
13
Mpɛ nna, na woanni hia; bue w’ani, na aduane bɛmee wo.
14
Ɛnyɛ, ɛnyɛ! Sɛ ɔdetɔfoɔ seɛ ne no, na ɔdane ne ho kɔ a, na ɔrehoahoa ne ho.
15
Sika wɔ hɔ, na nhwene pa pii wɔ hɔ, na kasa a nimdeɛ wɔ mu no te sɛ adwinneɛ a ne boɔ yɛ den.
16
Deɛ ɔdi ɔhɔhoɔ agyinamu no, fa ne ntoma, na deɛ ɔdi ɔnanani akagyinamu no, gye no awowa.
17
Aduane a wɔnam nnaadaa so nya yɛ obi dɛ, nanso akyire yi no, mmoseaa yɛ n’anomu ma.
18
Wɔde agyinatuo na ɛma tirimbɔ gyina, na fa atɛmpa kyekyere ɔsa.
19
Deɛ ɔkyini di nsekuro no yi ahuntasɛm adi, enti mfa wo ho mmɔ deɛ ɔtrɛ n’anomu.
20
Deɛ ɔdome n’agya ne ne na no, ne kanea bɛdum esum kabii mu.
21
Agyapadeɛ a wɔde ntɛmpɛ nya no mfitiaseɛ no, akyire renwie nhyira.
22
Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo.
23
AWURADE akyiwadeɛ ne abrammoɔ ahodoɔ, na nsisie nsania nso nyɛ.
24
Onipa anammɔntutuo firi AWURADE, na ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛhunu n’akwan mu?
25
Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.
26
Ɔhene nyansafoɔ hu abɔnefoɔ so, na ɔde teaseɛnam nan fa wɔn so.
27
AWURADE kanea ne onipa ahome, ɛhwehwɛ yam mpia mu hwɛ.
28
Adɔeɛ ne nokorɛ hwɛ ɔhene so, na adɔeɛ so na n’adwa tim.
29
Mmeranteɛ animuonyam ne wɔn ahoɔden, na nkɔkoraa ahoɔfɛ ne ɛdwono.
30
Mmaa a ɛpira twi ɔbɔne ho, na ɛhweɛ hyɛne yam mpia mu.
← Chapter 19
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 21 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31