bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 10
Job 10
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 11 →
1
Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.
2
Mɛse Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma menhunu adekodeɛ a enti wo ne me ham yi.
3
Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?
4
Wowɔ honam aniwa anaasɛ wohunu adeɛ sɛ ɔdasani hu no?
5
Wo nna te sɛ ɔdasani nna anaa wo mfeɛ te sɛ onipa nna anaa?
6
Sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ akyiri kwan na wodi me bɔne akyire?
7
Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ, na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam.
8
Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛyɛɛ me, me nipa mu nyinaa prɛko, ɛnna woamene me yi.
9
Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ, na wobɛma madane mfuturo bio anaa?
10
Anaa woanhwie me angu sɛ nufosuo na womaa mepii sɛ nufosuo a akyenkyen ɛtoa?
11
Wode wedeɛ ne nam na ɛhyɛɛ me, na wode nnompe ne ntini wurawuraa me mu.
12
Nkwa ne adɔeɛ na wode ayɛ me, na wo hwɛ nso wɛn me honhom.
13
Na yeinom na wode siee w’akomam; na mahunu sɛ yei na wowɔ tia me.
14
Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me, na woremmu me bem me mfomsoɔ ho.
15
Sɛ medi abɔnefosɛm a, mennue, na sɛ metene nso a, meremma me tiri so; ɛfiri sɛ ahohora ahyɛ me ma, na mehwɛ m’amanehunu.
16
Na sɛ mema me ho so a, wobɛti me sɛ gyata na woasane ne me adi anwanwasɛm.
17
Na wode w’adansefoɔ afoforɔ ara abɛgyina m’anim, na woama w’abufuo adɔɔso me so, na ɛdɔm a ɛto dɔm agu me so.
18
Adɛn nti na woyii me firii yafunu mu? Anka menya megyaa mu na ani biara anhu me ɛ!
19
Sɛ menya meyɛɛ sɛ adeɛ a ɛnni hɔ ɛ! Mefirii yafunu mu no, ɛnna anka wɔkɔgyaa me ɛda mu ɛ!
20
Me nna nyɛ kakraa bi? Ma no nnyaa me, ɔnyi n’ani mfiri me so, na me ho nsane me kakra,
21
ansa na makɔ deɛ merensane memma, na makɔ sum ne sunsum asase so,
22
esum kabii a ɛte sɛ ɔdasuom tumm asase, sunsum ne sakasaka asase a hann te sɛ ɔdasuom tumm no.
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 11 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42