bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 30
Job 30
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 31 →
1
Na afei wɔn a mekyɛne wɔn panin koraa sere me, wɔn a mepo wɔn agyanom sɛ mede wɔn bɛhyɛ me nkraman a wɔhwɛ me nnwankuo so mu,
2
wɔn nsam tumi nso bɛyɛ me dɛn, wɔn a wɔn ahoɔden asa?
3
Ohia ne ɛkɔm nti wɔatwintwam, wɔwewe nkyɛkyerɛ so deɛ ɛhɔ yɛ sakasaka, kusuu ne basabasa.
4
Wɔtete nkyenhahan wɔ nnuaa so, na ɛserɛ so nnuaa nhini ne wɔn aduane.
5
Wɔatu wɔn afiri nnipa mu, wɔhuro wɔn sɛ owifoɔ.
6
Mmonhwa a ɛhɔ yɛ hu mu na wɔteteɛ, ɛfam ne abotan mu ntokuro mu.
7
Nnua ntam na wɔbobom, nsansono ase na wɔsam.
8
Agyegyentwie mma ne wɔn, wɔn a wɔnni din mma nso, wɔapam wɔn afiri asase so.
9
Na afei madane wɔn sankuo dwom, na mayɛ wɔn sɛmɔdɛ.
10
Wɔkyiri me, wɔma me ne wɔn ntam twe, na wɔnkame sɛ wɔtoto ntasuo gu m’ani soɔ.
11
Na ɛnam sɛ Onyankopɔn asane me homa, na wabrɛ me aseɛ nti, wɔn nso ato ahohyɛsoɔ atwene wɔ m’anim.
12
Me nifa so na ahuhufoɔ no asɔreɛ, wɔsum me fidie, na wɔdane wɔn sɛeɛ akwan ba me so.
13
Wɔdwiri me kwan, wɔboa me sɛeɛ, nso obiara biara nsianka wɔn.
14
Wɔba sɛ obuba a emu trɛ, wɔnam huuyɛ no mu munimuni ba.
15
Ahuyideɛ adane hwɛ me so, wɔpamo me bakomadie sɛ mframa, na me yiedie asene kɔ sɛ mununkum.
16
Na afei me kra nane gu me mu, amanehunu nna asosɔ me mu.
17
Anadwo hodwo me nnompe wɔ me mu, na yea a ɛwe me no nnyae.
18
Emu den nko ara nti m’atadeɛ asakyera, ɛmia me sɛ me kamisaa kɔn.
19
Wato me atwene atɛkyɛ mu, me ho ayɛ sɛ dɔteɛ ne nso.
20
Mesu mefrɛ wo, na wonnye me so, megyina hɔ, na wohwɛ me haa.
21
Woadane ayɛ sɛ otirimuɔdenfoɔ ama me, wode wo nsa a ɛyɛ den ne me di asie.
22
Woma me so ma metena mframa so kɔ, na woma menane huuyɛ mu.
23
Na menim sɛ wode me bɛsane ama owuo ne efie a ateasefoɔ hyia mu no.
24
Nanso obi ntene ne nsa nhwehwɛ ɔgyeɛ nkunkumaboɔkuo mu, na sɛ obi reyera a, ɔnsu mfrɛ ɔboafoɔ anaa?
25
Mansu mamma deɛ ɔwɔ amaneɛ mu, ohiani anyɛ me kra mmɔbɔ anaa?
26
Na metwɛn adepa, nso bɔne na aba, na m’ani daa hann so, na esum kabii aba.
27
Me yamuadeɛ huru, na ɛnnyae, amanehunu nna ato me.
28
Mabiri tumm na menenam, nso ɛmfiri awia; mesɔre badwa mu na meteam.
29
Madane ɛserɛ so akraman nua ne sohoribereɛ adamfo.
30
Me wedeɛ abiri rewae afiri me ho, na ahuhuro nti me nnompe ahye.
31
Na me sankuo adane abooboo, na me tɛntɛbɛn adane asufoɔ nne.
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 31 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42