bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 27
Job 27
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 28 →
1
Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:
2
Sɛ Onyankopɔn a wayi me bem korɔ ne Otumfoɔ a ɔhyɛ me kra awerɛhoɔ no te aseɛ yi, —
3
na m’ahome nyinaa da so wɔ me mu, na Nyankopɔn ahome da so wɔ me hwene mu yi,
4
ampa ara, m’ano renka amumuyɛsɛm, na me tɛkyerɛma renka nnaadaasɛm!
5
Ɛmpare me sɛ mɛbu mo bem; meremma wɔnyi me mudie mfiri me ho de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛgyaa mu.
6
Mɛkura me tenenee mu denden, na merennyaa mu; m’akoma remmu me fɔ, me nna biara ho.
7
Me tamfo nyɛ sɛ ɔbɔnefoɔ, na deɛ ɔma ne ho so tia me no nyɛ sɛ omumuyɛfoɔ.
8
Na ɛdeɛn ne ɔbɔnefoɔ anidasoɔ berɛ a wɔtwa ne nkwa soɔ, berɛ a Onyankopɔn twe ne kra korɔ no?
9
Onyankopɔn bɛte ne sufrɛ berɛ a ahohiahia bɛba ne soɔ no anaa?
10
Anaasɛ n’ani bɛgye Otumfoɔ ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa mu anaa?
11
Mɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsa ho asɛm, deɛ ɛwɔ Otumfoɔ hɔ no, merensi so.
12
Hwɛ, mo deɛ, mo nyinaa moahunu, na adɛn na moda so di ahuhusɛm yi?
13
Yei ne onipa ɔbɔnefoɔ kyɛfa a ɔnya no Onyankopɔn hɔ, ne nhyɛsofoɔ agyapadeɛ a wɔnya no Otumfoɔ nsam:
14
Sɛ ne mma dɔɔso a, wɔdɔɔso ma afena, na wɔn a wɔfiri ne mu no aduane remmee wɔn.
15
Ne nnipa a wɔbɛka no, owuyadeɛ mu na wɔbɛsie wɔn, na n’akunafoɔ rensu.
16
Sɛ ɔboa dwetɛ ano sɛ mfuturo, na ɔsiesie ntadeɛ sɛ dɔteɛ a,
17
ɔsiesie deɛ, nanso ɔteneneeni na ɔbɛhyɛ, na dwetɛ no, deɛ ɔdi bem na ɔbɛkyɛ mu.
18
Ɔsi ne dan sɛ abubummabaa, na ɛte sɛ sese a ɔwɛmfoɔ yɛ.
19
Ɔrekɔda, na ɔyɛ ɔdefoɔ, nso ɔrenna so nyɛ saa bio; ɔbɛbue n’ani na ɔnni hɔ bio.
20
Ahuyideɛ fa no sɛ nsuo, anadwo na ahum wia no korɔ.
21
Apueeɛ mframa soa no kɔ, na ɛhwim no firi ne tenabea.
22
Na ɔto gu ne so, na ɔnni ne ho adɔna, dwane ara na ɔrepɛ adwane afiri ne nsam.
23
Wɔbɛbobɔ nsam agu ne so, na wɔabɔ ne so hwerɛma de no afiri ne tenabea akɔ.
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42