bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 16
Job 16
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 17 →
1
Na Hiob gyee so sɛ:
2
Mate saa nsɛm a ɛte sɛɛ bebree; mo nyinaa moyɛ gyamserefoɔ.
3
Nsɛnhuuhuu yi awieeɛ nie? Anaasɛ ɛdeɛn na ɛhwanyan wo ma wobua?
4
Sɛ mowɔ me tebea mu a, anka me nso mɛkasa sɛ mo, anka mɛhɔre nsɛm magu mo so, na mawoso me ti magu mo so;
5
aane, anka mede m’ano bɛhyɛ mo den, na m’anomu duema ama mo yea aboto.
6
Sɛ mekasa a, me yea no mmoto, na sɛ megyae nso a, ɛdeɛn na ɛfiri me ho korɔ?
7
Na afei deɛ, Onyankopɔn ahodwo me; woama me ho nnipa nyinaa agu;
8
woapompono me ama no adane adanseɛ, na me fɔn asɔre atia me atoto m’ano wɔ m’anim.
9
Wasunsuane me n’abufuo mu, na ɔtaa me; ɔtwɛre ne se gu me so. M’ahohiahiafoɔ no pɔkyere n’ani hwɛ me.
10
Wɔhaahaa wɔn anomu tia me, wɔde ahohorabɔ bobɔ m’aso mu, wɔn nyinaa boaboa wɔn ano tia me.
11
Onyankopɔn ayi me ahyɛ abusufoɔ nsa, na wasum me ato abɔnefoɔ nsam.
12
Anka medi yie, na ɔbubuu me. Ɔsɔɔ me kɔn na ɔbubuu me pasaa, na ɔde me sii hɔ yɛɛ ne botaeɛ;
13
n’agyan dii me so ntwaguo, ɔpaee me sawa mu, na wannodo ho, ɔhwiee me bɔnwoma guu fam;
14
Ɔbubuu me mprɛ bebree, ɔto baa me so sɛ ɔdɔmmanin.
15
Mepam ayitoma mekataa me wedeɛ so, na mede m’ahoɔden too mfuturo mu.
16
Esu nti m’ani abere kɔkɔkɔkɔ, na owuo sunsum da m’anisuatɛtɛ so.
17
Nanso amim biara nni me nsam, na me mpaebɔ ho te.
18
O! Asase, nkata me mogya so, na mma me sufrɛ nnnya homebea!
19
Seesei mpo, hwɛ, ɔsoro na me danseni wɔ, na me dimafoɔ wɔ deɛ ɛkorɔn.
20
Me nnamfo mpo di me ho fɛw, nanso Onyankopɔn na m’ani porepore nisuo ma no.
21
Sɛ ɔnni mma onipa wɔ Nyankopɔn anim, sɛdeɛ onipa ba di ma ne yɔnko no.
22
Na mfeɛ a ɛwɔ ano no bɛdu na makɔ kwan a merensane memma.
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 17 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42