bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 32
Job 32
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 33 →
1
Ɛnna mmarima baasa yi gyaee Hiob bua, ɛfiri sɛ ɔyɛ n’ani so teneneeni.
2
Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba a ɔfiri Ram abusua mu bo fui. Hiob na ne bo fuu no, ɛfiri sɛ ɔbu ne ho teneneeni sene Onyankopɔn.
3
Na ne bo fuu ne mfɛfoɔ baasa no nso, sɛ wɔnnya mmuaeɛ bi bio, nanso wɔbuu Hiob fɔ.
4
Na Elihu twɛn maa Hiob kasae ansa, ɛfiri sɛ wɔsene no panin.
5
Na Elihu hunuu sɛ mmuaeɛ biara nni mmarima baasa no anomu bio no, ne bo fui.
6
Na Busini Elihu a ɔyɛ Barakel ba buaa sɛ: Me deɛ, meyɛ abɔfra, na mo deɛ moyɛ nkɔkoraa, enti na metɔɔ me bo aseɛ, na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim makyerɛ mo.
7
Mekaa sɛ: Wɔmma onyinkyerɛ nkasa, aane, na mfeɛ dodoɔ nkyerɛ nyansa.
8
Ampa, honhom a ɛwɔ ɔdasani mu ne Otumfoɔ ahome na ɛma no nhunumu.
9
Ɛnyɛ wɔn a wɔanyini pii na wɔnim nyansa, na ɛnyɛ mpanin na wɔhunu atemmuo mu.
10
Enti na mese: Montie me; me nso mɛkyerɛ deɛ menim.
11
Hwɛ, matwɛn ama mo akasa awie, mayɛ aso mama mo nhunumusɛm, sɛ mobɛhwehwɛ anya nsɛm.
12
Na mewɛn m’aso sɛ meretie mo, na hwɛ, obiara nni mo mu a n’asɛm tɔɔ Hiob aso mu, na ɔtumi buaa ne nsɛm no.
13
Na monnka sɛ: Yɛahunu nyansa; Onyankopɔn na ɔnha no, na ɛnyɛ onipa.
14
Ɛfiri sɛ ɛnyɛ me na ɔkaa ne nsɛm no kyerɛɛ me, na me nso, meremfa mo nsɛm no memmua no.
15
Wɔn abam abu, wɔremmua bio, na wɔn anomu nsɛm nso asa.
16
Na sɛ wɔnkasa bio, na wɔgyina hɔ, na wɔmmua bio nti, mentwɛn anaa?
17
Me nso mɛbua me fam deɛ, me nso, mɛkyerɛ deɛ menim.
18
Na nsɛm ahyɛ me ma, na honhom a ɛwɔ me mu no hyɛ me.
19
Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wɔntuu ano, sɛ nsa kotokuo foforɔ a ɛrepɛ apaeɛ.
20
Mɛkasa, na manya ahomeyɛ; mɛbue m’ano, na mabua.
21
Ɛmpare me sɛ mɛhwɛ obi anim, na madɛfɛdɛfɛ m’ano mama onipa,
22
na mennim m’ano adɛfɛdɛfɛ, anka ebia ɛbɛka ketewaa sɛɛ, na me yɛfoɔ afa me akɔ.
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 33 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42