bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 4
Job 4
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 5 →
1
Ɛnna Temanni Elifas bua see sɛ:
2
Sɛ obi pɛ sɛ ɔka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahomete anaa? Nanso mpo twa ara na ɛtwa sɛ ɔka?
3
Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree, na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den;
4
wo nsɛm ama deɛ ɔrebɛhwe ase agyina, na nankoroma a ahodwo no, wɔahyɛ no den.
5
Na afei ɛtoo woɔ yi, woagyigya, ɛkaa woɔ yi, woabɔ nnyinnyen.
6
Ɛnyɛ wo Nyamesuro ne deɛ wode wo ho to soɔ, na w’akwan a ɛtene ne w’anidasoɔ anaa?
7
Kae ɛ, hwan na ɔnyɛɛ bɔne biara na wɔasɛe no pɛn, anaa ɛhe na wɔatwa ateneneefoɔ atwene pɛn?
8
Manya nhunui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumuyɛ na wɔgu mmusuo no, ɛno ara na wɔtwa.
9
Nyankopɔn home sɛe wɔn, na wɔhye, n’abufuo mframa ano.
10
Wote sɛ gyata mmobɔmu ne ɔsebɔ nne a ɛgyae, na gyataburuwa sebɔmmɔfoɔ tutu no.
11
Ɛno na hanam bɛbɔ ɛserɛ-mu-sɛe ama no awu, na gyatabereɛ mma abɔ pete.
12
Na me deɛ, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn, na m’aso tee ɛho asomusɛm bi.
13
Ɔdadwene a ɛfiri anadwo adehunu mu mu, berɛ a nnahɔɔ atɔ nnipa soɔ no,
14
ehu ne ahopopoɔ kaa me, na ɛmaa me nnompe nyinaa wosoe.
15
Na honhom bi twaa mu faa m’ani so, me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae,
16
ɛgyinae, nanso manhunu ne su, suban bi gyinagyina m’ani so, metee nne bɔkɔɔ bi sɛ:
17
Ɔdasani tene sene Onyankopɔn, anaa onipa ho te sene ne yɛfoɔ?
18
Hwɛ, ne nkoa mpo, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfoɔ no, ɔbu wɔn sɛ wɔtɔ mu;
19
na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu, na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu, na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa.
20
Ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ na wɔaposa wɔn; wɔyera korakora a obi nnwene ho.
21
Sɛ wɔtete wɔn ho ntomadan homa a, ɛnyɛ wuo na wɔwuo a wɔanhunu nyansa biara?
← Chapter 3
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 5 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42