bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 11
Job 11
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 12 →
1
Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ:
2
Wɔremmua nsɛm dodoɔ yi, anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkyerɛmakyene nni bem anaa?
3
Wo kasa worɔworɔ bɛma nnipa amua wɔn ano anaa? Na sɛ wodi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwuo anaa?
4
Na woaka sɛ: Me nkyerɛkyerɛ yɛ gyenegyene, na me ho te wɔ Onyankopɔn anim.
5
O, anka ma Onyankopɔn nkasa na ɔmmue n’ano nkyerɛ wo;
6
na ɔnka wo nyansa ahuntasɛm, sɛ emu dɔ yie, na hunu sɛ Onyankopɔn yi n’ani firi w’amumuyɛ no bi so.
7
Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa?
8
Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ? Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim?
9
Ne nsusuiɛ ware sene asase, na ɛtrɛ sene ɛpo.
10
Sɛ ɔtwam ba na ɔde nnipa gu nnua mu na ɔhyia asennie a, ɛnneɛ hwan na ɔbɛsianka no?
11
Na ɔno na ɔnim nnipa ahuhufoɔ, na ɔhunu abusudeɛ, nanso ɔmmu.
12
Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa akoma a, na ɛte sɛdeɛ wɔawo afunumu ba onipa.
13
Sɛ wo deɛ, wosiesie w’akoma, na wotrɛ wo nsam kyerɛ no a,
14
sɛ amumuyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri, na mma abusudeɛ nntena wo ntomadan mu.
15
Ɛno na wobɛma w’ani so a wonni dɛm, na wobɛtim pintinn a worensuro.
16
Na wo werɛ bɛfiri wo haw, wobɛkae no sɛ nsuo a asene.
17
Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee, esum bɛdane sɛ adekyeeɛ.
18
Na wobɛnya abotɔyam sɛ anidasoɔ wɔ hɔ, na wobɛhwɛ wo ho ahyia na woada dwoodwoo.
19
Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu, na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ adom.
20
Na abɔnefoɔ deɛ wɔn ani so bɛsi na dwanekɔbea abɔ wɔn, na wɔn anidasoɔ bɛdane wɔn wuo.
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 12 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42