bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 13
Job 13
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 14 →
1
Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ;
2
deɛ monim no, me nso menim. Mentɔ mu wɔ mo mu.
3
Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa, na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano.
4
Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa, ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa.
5
Sɛ momua mo ano mmom koraa a, anka ɛyɛ mo nyansa.
6
Montie me nkurobɔ, na monyɛ aso mma m’anoyie.
7
Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn, na mode nnaadaa aka ama no anaa?
8
Mobɛgye ne ti, anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn?
9
Ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi yie, anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa ɔdasani?
10
Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoa mu a, ɔbɛka mo anim ampa.
11
Ne kɛseyɛ rentu mo akoma, na ne ho hu mma mo so?
12
Mo kasammebuo yɛ nso mmebusɛm, mo anoyie yɛ dɔteɛ anoyie.
13
Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa, na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra.
14
Adɛn nti na memfa me honam mentua me se ano, na memfa me kra mento me nsam?
15
Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara; mede me nsɛm bɛto n’anim.
16
Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ, ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim.
17
Montie, montie deɛ mewɔ meka, na m’asɛm nkyerɛaseɛ nhyɛne mo aso mu.
18
Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ, menim sɛ me na mɛdi bem.
19
Hwan ne deɛ ɔne me bɛham? Ɛnneɛ anka mɛyɛ komm na magyaa mu.
20
Ao! AWURADE, sɛ woreyɛ adeɛ mmienu yi pɛ ama me a, ɛno na meremfa me ho menhunta mfiri w’anim:
21
Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri, na mma wo ho hu nnkuta me;
22
ɛno na frɛ me, na me nso mɛgye so, anaasɛ mɛkasa, na woabua me.
23
Me bɔne ne me mfomsoɔ yɛ ahe ara? Ma menhunu me mmarato ne me bɔne.
24
Adɛn nti na wode w’ani hunta, na wobu me wo tamfo?
25
Wobɛyi ahahan a mframa de rekorɔ ahi, na wobɛti nkraadua a adwan?
26
Na wotwerɛɛ me ho nsɛm yaya, na woma medi me mmeranteberɛ mu bɔne so adeɛ.
27
Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu, na wowɛn m’akwan nyinaa, wotwa m’anammɔn ho hyeɛ.
28
Na onipa deɛ, ɔporɔ sɛ dufɔkyeɛ, sɛ ntoma a nweweboaa redie.
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 14 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42