bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 40
Job 40
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 39
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 41 →
1
Na AWURADE buaa Hiob sɛ:
2
Ɔtɛnyifoɔ bi ne Otumfoɔ no bɛham anaa? Deɛ ɔne Onyankopɔn gye akyinnyeɛ no, ɔmmua ɛ!
3
Na Hiob gyee AWURADE so sɛ:
4
Hwɛ, mesua, ɛdeɛn na memfa memmua woɔ? Me nsa na mede meto m’ano.
5
Makasa prɛko, na merentia so; ne mprenu, na merenkɔ so bio.
6
Ɛnna AWURADE firi ahum no mu buaa Hiob sɛ:
7
Bɔ w’asene sɛ ɔbarima ɛ, mɛbisa wo, na woakyerɛ me.
8
Wobɛdane m’atemmuo no ani? Wobɛbu me fɔ na woadi bem?
9
Wowɔ nsa sɛ Nyankopɔn deɛ, na wobɛtumi de nne a ɛte sɛ ne deɛ abom?
10
Ɛnneɛ fa tumidie ne kɛseyɛ hyehyɛ wo ho, na fira ɔhyerɛn ne animuonyam,
11
hwie w’abufuo mmorosoɔ no gu, na hwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase.
12
Hwɛ ahantanfoɔ nyinaa na brɛ wɔn ase, na tiatia abɔnefoɔ so wɔ wɔn tenabea hɔ.
13
Fa wɔn nyinaa sie dɔteɛ mu, na ma wɔn anim ntintim ahuntaeɛm,
14
ɛnneɛ na me nso mɛkamfo wo sɛ wo ara wo nifa na agye woɔ.
15
Hwɛ susono a meyɛɛ no ne wo, ewira na ɔdi no sɛ nantwie.
16
Hwɛ ne tumi a ɛwɔ n’asene mu ne n’ahoɔden a ɛwɔ ne yafunu ntini mu.
17
Ɔkoa ne dua sɛ tweneduro, ne srɛ mu nhoma nso toatoa mu.
18
Ne nnompe te sɛ kɔbere mfrafraeɛ dorobɛn, ne nkasɛɛ te sɛ adaban.
19
Ɔno ne Nyankopɔn akwan mfitiaseɛ, ne yɛfoɔ nko ara na ɔtumi de afena ka no.
20
Na mmepɔ so aduane ma no, na wiram mmoadoma nyinaa goro hɔnom.
21
Nkasɛɛnkasɛɛ nnua ase na ɔda, demmire ne ɔwora ahuntaeɛm.
22
Nkasɛɛnkasɛɛ nnua nwunu kata ne so, nsunoa nnua twa ne ho hyia.
23
Hwɛ, asuo ano yɛ den mpo a, ne ho mpopo; sɛ Yordan bu ba n’ano mpo a, ne bo da ne yam ara.
24
Wɔbɛtumi akye no animono, na wɔde fidie ahwire ne hwenem?
← Chapter 39
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 41 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42