bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 29
Job 29
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 30 →
1
Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:
2
O, sɛ anka mereyɛ sɛdeɛ na meteɛ akane abosome no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no ɛ!
3
Berɛ a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantee sum mu no!
4
Sɛdeɛ na meteɛ wɔ me twaberɛ nna mu, berɛ a Nyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntomadan soɔ no;
5
berɛ a Otumfoɔ ne me da so wɔ hɔ, na me mmɔfra nso atwa me ho ahyia,
6
berɛ a me nan ho fɔɔ nufosuo mu sradeɛ mu, na abotan maa ngo asubɔnten senee me hɔ no.
7
Mefiri adi mekɔ kuro pono ano, na mede m’adwa mesi mpraeɛ so a,
8
mmeranteɛ hu me, na wɔhunta, na nkɔkoraa sɔre gyinagyina.
9
Mmapɔmma gyae kasa, na wɔde wɔn nsa butu wɔn ano.
10
Mmakoma nne taa dinn, na wɔn tɛkyerɛma fam wɔn dodom.
11
Na aso te a, ɛhyira me, na ani hu me a, ɛdi me adanseɛ.
12
Ɛfiri sɛ na meyi ɔmanehunufoɔ a ɔsu frɛ ɔboafoɔ ne awisiaa a ɔnni boafoɔ.
13
Deɛ ɔreyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbaa kunafoɔ nya abotɔyam.
14
Mefira tenenee na ɛfira me, m’atemmusɛm te sɛ atadeɛ yuu ne abotire:
15
Meyɛɛ aniwa maa onifirani, na meyɛɛ ɛnan nso maa apakye;
16
meyɛɛ agya maa ahiafoɔ, na deɛ menni no no mpo asɛm, mehwehwɛ mu maa no;
17
na mebubuu omumuyɛfoɔ sebɔmmɔfoɔ, na mehwim fomfa adeɛ mefirii ne se mu.
18
Na mekaa sɛ: Me pirebuo ara mu na mɛgyaa mu, na mama me nna adɔɔso sɛ anwea.
19
Me nhini mu bɛbue ama nsuo, na obosuo nso atena me mman so.
20
M’animuonyam yɛ foforɔ ma me, na me tadua anya denyɛ foforɔ me nsam.
21
Me na wɔtie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotuo;
22
me kasa akyi wɔnsane nkasa, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so:
23
Na wɔtwɛn me sɛdeɛ wɔtwɛn osutorɔ, na wɔtrɛ wɔn anomu sɛdeɛ wɔde regye bereamporɔsuo.
24
Mesere mekyerɛ wɔn a anidasoɔ abɔ wɔn, na m’anim a ɛteɛ no, wɔmma no ngu ase.
25
Meyii wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitire, na metenaa hɔ sɛ ɔhene, asafo mu, sɛdeɛ ɔkyekyere abooboodifoɔ werɛ.
← Chapter 28
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 30 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42