bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 23
Job 23
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 22
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 24 →
1
Na Hiob gyee so sɛ:
2
Ɛnnɛ na m’abooboodie mu ayɛ den, na me pira ayɛ den asene m’apinisie.
3
O, sɛ anka menya mehunu deɛ mɛhunu no, na mekɔduru ne tenaberɛ ɛ!
4
Anka mɛsiesie n’anim asɛnnie, na mɛbisabisa no nsɛm ara yie.
5
Anka mɛhunu nsɛm a ɔde bɛbua me, na mahunu deɛ ɔbɛka akyerɛ me no mu.
6
Tumi dodoɔ na ɔde ne me bɛham anaa? Dabi, aso nko na ɔbɛyɛ ama me.
7
Ɛhɔ na ɔteefoɔ ne no bɛyiyi no, na mafiri me temmufoɔ nsam korakora.
8
Hwɛ, mekɔ m’anim, nso ɔnni hɔ, ne m’akyi, nso menhu no.
9
Na ɔyɛ n’adeɛ benkum a, m’ani mmɔ no so, ɔmane nifa a, menhu no.
10
Na ɔnim kwan a mefa soɔ. Ɔsɔ me hwɛ a, mɛfiri mu sɛ sika mapa a wɔde afa ogya mu.
11
N’anammɔn mu na me nan tintimiiɛ, mahwɛ ne kwan, na mammane.
12
N’anomu mmara, mamfiri ho, makora n’anomu nsɛm sene deɛ ɛhia me.
13
Nso ɔno deɛ, ɔnsakyera da, na hwan na ɔbɛsane no? Na deɛ ɔpɛ, na ɔyɛ.
14
Deɛ wahyɛ ama me na ɔbɛma no aba, na adeɛ a ɛte seyie pii na ɛwɔ ne tirim.
15
Enti ehu ka me n’anim, medwene me tirim, na me ho popo wɔ ne ho.
16
Na Onyankopɔn ama m’akoma abubu, na Otumfoɔ ayi me hu,
17
ɛfiri sɛ manyera esum no mu, na wankata esum kabii no so m’anim.
← Chapter 22
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 24 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42