bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 14
Job 14
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 15 →
1
Onipa a ɔbaa awo no, ne nna yɛ tiaa bi, na ɔhaw ma.
2
Ɔpue sɛ nhwiren, na wɔtwa. Ɔdwane sɛ sunsum, na ɔnnyina.
3
Na yei so na woabue w’ani, na wode me rekɔ atemmuo mu w’anim?
4
Hwan na ɔbɛnya ɔhoteni, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.
5
Sɛ wɔahyɛ me nna ato hɔ, na n’abosome dodoɔ wɔ wo tirim, na woatwa hyeɛ a ɔrensiane ho ama no a,
6
ɛnneɛ yi w’ani firi ne so na ɔnhome nkɔsi sɛ ɔbɛwie ne da sɛ ɔpaani.
7
Na dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no, sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ, na ne nnubaa remmɔ no:
8
Sɛ ne nhini kyenkyen ɛfam, na ne dunsini wu dɔteɛ mu a,
9
nsuo hwa nti ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ.
10
Na ɔdasani deɛ, ɔwu, na ɔbea hɔ, na onipa gyaa mu, na ɔwɔ he?
11
Na sɛdeɛ nsuo firi ɔtadeɛ mu na ɛdɔ mpumpunadeɛ, na asuo nso mem na ɛweɛ no,
12
saa ara na onipa kɔda hɔ, na ɔnsɔreɛ. Ɔsoro nnya ntwaa mu yi, wɔrennyane, na wɔrempusu wɔn mfiri wɔn nna mu.
13
O, sɛ wode me resie Asamando ɛ, sɛ wode me rehunta akɔsi sɛ w’abufuo bɛsane akorɔ ɛ, sɛ wohyɛ me da na wokae me ɛ!
14
Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodie nna nyinaa mɛtwɛn akɔsi sɛ me nsakyera bɛba.
15
Anka wobɛfrɛ, na me nso magye wo so, anka w’ani bɛgyina wo nsa ano adwuma no.
16
Nanso afei deɛ, wokan m’anammɔn, na wonyi w’ani mfiri me bɔne so.
17
Wɔasɔ me mmarato ano de ahyɛ kotokuo mu, na woakyekyere me bɔne ano.
18
Ampa ara bepɔ mpo hwe ase yera, na ɔbotan nso twe firi n’afa.
19
Na sɛdeɛ aboɔ nso, nsuo hono no, na ne yire pra fam dɔteɛ kɔ, saa ara na ɔdasani anidasoɔ nso woma no yera.
20
Wotintim ne so ma no twam kɔ, wosakyera n’anim na wosum no kɔ.
21
Ne mma nya animuonyam mpo a, ɔnnim, wɔbrɛ wɔn ase nso a, ɔnhunu mma wɔn.
22
Ɔno ara ne honam yea nko na ɔteɛ, na ne kra di ɔno ara ne ho abooboo.
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 15 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42