bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
/
Job 39
Job 39
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
← Chapter 38
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 40 →
1
Wonim abotan so mmirekyie awoɔ berɛ, na aforoteɛ awoko nso, wowɛn?
2
Wokan abosome a wɔn afuru de nyini, na wonim berɛ a wɔde woɔ anaa?
3
Wɔkoto wowo wɔn mma, wɔto wɔn awoɔyea twene,
4
wɔn mma ho kokwa, wɔnyini wiram, wɔfiri kɔ, na wɔnsane mma wɔn nkyɛn.
5
Hwan na ɔgyaa ɛserɛ so afunumu sɛ ɔnne ne ho, na afunumu prakaateni nhoma, hwan na ɔsane?
6
Deɛ mede ɛserɛ pradada mayɛ ne fie, na mede nkyene asase ayɛ ne tenabea.
7
Ɔmmu kuro mu gyegyeegyeyɛ, ɔnte ɔkafoɔ ateatea.
8
Deɛ ɔnya no mmepɔ soɔ no ne n’aduane, na ɔpɛ adeɛ biara a ɛyɛ frɔmfrɔm.
9
Okoo bɛpene sɛ ɔsom woɔ, anaasɛ ɔbɛtena w’adididaka ho?
10
Wode homa bɛsa okoo, mfɛtɛeɛka ho, anaasɛ ɔbɛtwe mmonhwa mu mfɛtɛeɛ so adi w’akyi?
11
N’ahoɔden so nti, wode wo ho bɛto ne so, na woagya w’adwuma ama no anaa?
12
Wobɛgye no adi sɛ ɔde w’aba bɛba, na waboa ano de aba w’asan so?
13
Sohori bɔ ne ntaban mu ahurisidie mu, ɛne asukɔnkɔn ntaban ne ne ntakra na ɛsɛ anaa?
14
Mmom ɔgya ne nkosua ma asase, na mfuturo so na ɔma ɛho dɔ,
15
na ne werɛ firi sɛ ɛnan bɛpɛkyɛ, anaasɛ wiram mmoadoma bɛbobɔ.
16
Ɔbɔ ne mma atirimuɔden sɛdeɛ wɔnyɛ ne deɛ, ne brɛ yɛ ɔkwa, nanso ɔnsuro,
17
ɛfiri sɛ Onyankopɔn ama nyansa abɔ no, na wankyɛ no nhunumu.
18
Na sɛ ɔyere ne ho tu a, ɔsere ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ.
19
Wo na wode ahoɔden ma ɔpɔnkɔ? Wo na wode nnawa hyehyɛ ne kɔn?
20
Wo na woma no huri sɛ ntutummɛ? Ne home foofoo denyɛ yɛ hu.
21
Ɔwerɛwerɛ bonhwa mu, na ɔdi n’ahoɔden ho ahurisie, ɔfiri kɔhyia akofoɔ a wɔamia.
22
Ɔsere ehu, na ne ho mpopo, na ɔnsane mfiri afena anim.
23
Agyan boha woso ne so, pea ne pɛmɛ a ɛtwa nyinamnyinam nso.
24
Ɔde anibereɛ ne abufuo werɛwerɛ asase, na totorobɛnto hyɛne a, ɔnnyina bio.
25
Totorobɛnto hyɛne a, ɔka sɛ: Wiɛɛ! Na ɔte ɔko hwa wɔ akyirikyiri, asafohene nteam ne osebɔ no.
26
Wo nhunumu so na asansa nam tuo? Ɔtrɛ ne ntaban mu kyerɛ anafoɔ asase.
27
Anaasɛ w’anomu asɛm so na ɔkɔdeɛ ma ne ho soɔ, na ɔyɛ ne pirebuo deɛ ɛkorɔn?
28
Ɔbotan mu na ɔteɛ na ɔda, ɔbotan ano hwerɛmhwerɛm ne ahwɛeɛ sorɔnsorɔn so,
29
ɛhɔ na ɔfiri hwehwɛ aduane, n’ani hunu adeɛ akyirikyiri.
30
Na ne mma fe mogya, na deɛ atɔfoɔ wɔ no, ɛhɔ na ɔwɔ.
← Chapter 38
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 40 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42