bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 10
Ezekiel 10
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 11 →
1
Na mihui, na hwɛ, ntrɛwmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoabo a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahengua sɛso.
2
Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Kɔ nkyimii no ntam, Kerub no ase hɔ, na fa nnyansramma fi Kerubim no ntam hyehyɛ wo nsam amaama, na fa pete kurow no so. Na ɔkɔɔ mu m’anim.
3
Nso ɔbarima no kɔɔ mu no, na Kerubim no gyinagyina ɔdan no nifa so, na omununkum no ayɛ emu fam abangua no so ma.
4
Ɛnna AWURADE anuonyam no maa ne ho so fii Kerub no so kɔɔ ɔdan no apongua atifi, na omununkum no hyɛɛ ɔdan no ma, na AWURADE anuonyam hyerɛn hyɛɛ abangua no so ma.
5
Na wɔtee Kerubim no ntaban mu gyigye no kosii ɛho fam abangua no so, sɛ Onyankopɔn Tumfo a ɔrekasa no nne.
6
Na ɔhyɛɛ ɔbarima a ɔhyɛ nwera no sɛ: Fa ogya fi nkyimii no ntam, Kerubim no ntam no, ɔkɔɔ mu kogyinaa nkyimii no ho.
7
Na Kerub no teɛɛ ne nsa fii Kerubim no ntam de kɔɔ Kerubim no ntam gya no ho, na ɔfaa ebi guu nea ɔhyɛ nwera no nsam, na ogyei de fii adi.
8
Na wohuu onipa nsa sɛso, Kerubim no ho, wɔn ntaban ase.
9
Na mihui, na hwɛ, nkyimii anan wowɔ Kerubim no nkyɛn mu, nkyimii biako wowɔ Kerubim no mu biara nkyɛn mu, na nkyimii no ani te sɛ sikaberebo ani.
10
Na anan no nyinaa suban yɛ su koro, te sɛnea nkyimii hyɛ nkyimii mu.
11
Ɛnantew a, ɛnam n’afanan so, ɛnnan ne nantew mu, na nea eti no hwɛ no, edi akyiri sa; ɛnnan ne nantew mu;
12
na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimii no, aniwa ayeyɛ ɛho amaama atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimii.
13
Nkyimii no, m’asom na wɔtoo no din sɛ: Kyinhyia mframa.
14
Na wɔwowɔ anim anan anan; nea odi kan no anim yɛ Kerub no de, na nea otia abien no anim yɛ onipa anim, na nea ɔto so abiɛsa no de yɛ gyata anim, na nea ɔto so anan no de yɛ ɔkɔre anim.
15
Na Kerubim no momaa wɔn ho so. Ɛne ɔteasefo a mihuu no asu Kebar ho no.
16
Na Kerubim no nantew a, nkyimii no siane wɔn; na Kerubim no moma wɔn ntaban so sɛ wɔde rema wɔn ho so afi asase so a, nkyimii no nso nnan mfi wɔn nkyɛn mu;
17
sɛ wogyina a, ɛnonom nso gyina, na sɛ wɔmoma wɔn ho so a, ɛnonom nso moma ne ho so, efisɛ ɔteasefo no honhom wɔ mu.
18
Ɛnna AWURADE anuonyam fii ɔdan no pon ano kogyinaa Kerub no so;
19
na Kerubim no momaa wɔn ntaban so, na wɔmomaa wɔn ho so fii asase so, m’anim, sɛ wɔrefi adi, na nkyimii no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wokogyinaa AWURADE fi apuei fam ponkɛse no ano, na Israel Nyankopɔn anuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro.
20
Ɛne ɔteasefo a mihuu no Israel Nyankopɔn ase, asu Kebar ho no, na mihui sɛ ɛyɛ Kerubim.
21
Obiara wɔ anim anan anan, na obiara wɔ ntaban anan anan, na onipa nsa sɛso wowɔ wɔn ntaban no ase.
22
Na wɔn anim sɛso ne anim a mihui, asu Kebar ho no, wɔn su ne wɔn ban nyinaa; wɔn nyinaa nantew kɔ wɔn anim tee.
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 11 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48