bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 12
Ezekiel 12
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 13 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, wote asowui fi, nnipa a wɔwɔ aniwa a wɔde hu ade na wonhu na wɔwɔ aso a wɔde te na wɔnte mu; na asowui fi ne wɔn.
3
Na wo, onipa ba, yɛ otukɔ ade fa, na tu kɔ awia, wɔn anim, na tu fi w’afa kɔ baabi foforo, wɔn anim; ebia wobehu; na asowui fi ne wɔn.
4
Na yi wo nneɛma fi adi sɛ otukɔ ade awia, wɔn anim, na wo ankasa de, fi adi anwummere, sɛ atukɔfo fi kɔ no.
5
Tu ɔfasu mu fa, wɔn anim, na fa mu fi adi.
6
Wɔn anim ara na fa to wo kɔn ho, na anim mua a, wode afi adi; kata w’ani na woanhu asase no, na mede wo mayɛ sɛnkyerɛnne mama Israel fi.
7
Ɛnna meyɛɛ sa, sɛnea wɔhyɛɛ me no, miyii me nneɛma mifii adi sɛ otukɔ ade awia, na anwummere no mede me nsa mituu ɔfasu no mu, na anim remua no, mede mifii adi mebɔɔ akɔnkɔn, wɔn anim.
8
Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn anɔpa sɛ:
9
Onipa ba, so Israel fi, asowui fi no, nka nkyerɛɛ wo sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?
10
Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Adesoa yi fa ɔberɛmpɔn a ɔte Yerusalem ne Israel fi a wɔwɔ wɔn mu no nyinaa ho.
11
Ka sɛ: Mene mo sɛnkyerɛnne; sɛnea meyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn, otukɔ mu, nnommumfa mu na wɔbɛkɔ.
12
Na ɔberɛmpɔn a ɔwɔ wɔn mu no, anim remua no, adesoa bɛda ne kɔn ho na wafi adi; ɔfasu mu na wobetu sɛ wɔde no refa mu afi adi; ɔbɛkata n’ani na wamfa n’aniwa anhu asase no.
13
Na mede m’asawu megu no so, na wɔayi no m’afiri mu, na mede no makɔ Babel, Kaldeafo asase so; na ɛno mpo ɔrenhu, na ɛhɔ na obewu.
14
Na wɔn a wɔatwa ne ho ahyia sɛ wɔbɛboa no nyinaa ne n’asafo nyinaa, mɛbɔ wɔn mapete mframa nyinaa mu, na matwe nkrante madi wɔn akyi.
15
Na sɛ misunsum wɔn mekɔ amanaman mu, na mebɔ wɔn mepete nsaase so a, wobehu sɛ mene AWURADE.
16
Na megyaw wɔn mu nnipa kakraa bi afi nkrante ne ɔkɔm ne owuyare ano, nea ɛbɛyɛ na wɔaka wɔn akyide no nyinaa, amanaman a wɔkɔ hɔ no mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
17
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
18
Onipa ba, fa ahopopo di w’aduan, na fa ahowosow ne awerɛhow nom wo nsu;
19
na ka kyerɛ asase no sofo no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka Yerusalemfo a wɔwɔ Israel asase so no ho ni: Wɔde awerɛhow na ebedi wɔn aduan, na wɔde ahodwiriw bɛnom wɔn nsu, esiane sɛ n’asase adan afo na ne mayɛ abɔ no, ɛsofo nyinaa mmusubɔ no nti.
20
Na nkurow a wɔtete mu no bɛsɛe, na asase no adan afo, na moahu sɛ mene AWURADE.
21
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
22
Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehu nyinaa reyera?
23
Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehu nyinaa asɛm abɛn.
24
Na adehu hunu biara ne atoro nkɔmhyɛ bi rentena Israel fi bio.
25
Na mene AWURADE, na mɛkasa; asɛm a meka no na ɛbɛyɛ, wɔrentwe nkɔ akyiri bio. O, asowui fi, mo bere so na mɛka asɛm na mayɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
26
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
27
Onipa ba, hwɛ, Israel fi ka sɛ: Adehu a ohu no bɛba nna bebree akyi, na ɛbere a ɛwɔ akyirikyiri ho nkɔm na ɔrehyɛ.
28
Ɛno nti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Wɔrentwe me nsɛm mu biara nkɔ akyiri bio; asɛm a meka no, wɔbɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 13 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48