bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 19
Ezekiel 19
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 20 →
1
Na wo de, twa Israel abirempɔn ho kwadwom
2
na ka sɛ: Ɛdɛn na wo na, gyatabere no butuw agyatanini ntam yɛn ne mma gyataforo mu?
3
Na ɔyɛn ne mma mu biako; ɔyɛɛ gyataforo na osuaa ahayɔ; odii nnipa nam.
4
Na amanaman tee ne nka, na wɔkyeree no wɔn amoa mu, na wɔde hwene mu kaa twee no kɔɔ Misraim asase so.
5
Na ne na huu sɛ watwɛn nanso n’anidaso ayera no, ɔfaa ne mma mu bi de no yɛɛ gyataforo;
6
na ɔnenam agyata mu no, ɔyɛɛ gyataforo, na osuaa ahayɔ; odii nnipa nam.
7
Na ohuu wɔn akunafo, na ɔbobɔɔ wɔn nkurow, na ne mmobom gyegyeegye nti asase no ne ne mayɛ sɛee.
8
Ɛnna amanaman a wofi nsaase so no bae betwaa ne ho hyiae, na wɔde wɔn asawu trɛw no so, wɔkyeree no wɔ wɔn amoa mu,
9
na wɔde hwene mu kaa hyɛɛ no de no hyɛɛ kyerɛnkyɛ mu, na wɔde no kɔmaa Babel hene, na wɔde no siee abankɛse mu, nea ɛbɛyɛ na wɔante ne nne bio, Israel mmepɔw so.
10
Anka wo na te sɛ bobeturo mu bobe a wɔatɛw no nsuso, nsu pii nti, n’aba ne n’abaa bae yiye.
11
Na onyaa nhama a ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahene mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn koduu amununkum kusuu ntam, na wohu no ne korɔn mu, n’abaa dodow mu.
12
Na wotuu no anibere so tow no hwee fam, na apuei mframa kisaa n’aba no; ne nhama a ɛyɛ den no bubui na etwintwamee, na ogya hyewee.
13
Na afei wɔatɛw no sare so, asase kesee a edi sukɔm so;
14
na ogya refi n’abaa hama bi mu ahyew n’aba, na hama a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahenni poma bi nni hɔ bio. Kwadwom ni, na ɛbɛyɛ adwuma sɛ kwadwom.
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 20 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48