bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 32
Ezekiel 32
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 33 →
1
Na afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so dumien no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, twa kwadwom ma Misraim hene Farao, na ka kyerɛ no sɛ: Amanaman mu gyataforo ho na wɔde wo toe, nso wo de, woyɛe sɛ ɛpo mu asuboa, na wuhuruw fii wo nsubɔnten no mu, na wode wo nan nuu nsu no mu fonoo wɔn nsubɔnten.
3
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mede m’asawu mɛtrɛw wo so, aman bebree asafo mu, na wɔde me boa ayi wo aforo aba,
4
na mɛtow wo akyene fam, na matow wo agu sare ani, na mama wim nnomaa nyinaa abesisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo amee.
5
Na mede wo nam mɛto mmepɔw so, na mede w’afunu mahyɛ abon ma,
6
na mama asase no anom wo nsu a efi wo mogya mu akodu mmepɔw ho, na woahyɛ nsubon no mama.
7
Na sɛ midum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede omununkum mɛkata owia ani, na ɔsram renharan.
8
Mɛma ɔsoro akanea a ɛhyerɛn abiri wo so, na mama esum aduru w’asase so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
9
Na mehuru aman bebree koma, bere a mede wo bɔ mɛba amanaman mu, nsaase a wunnim so no so;
10
na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiriw, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahene so bere a mihwinhwim m’afoa wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo bere nyinaa mu, wɔn nyinaa kra mmiako mmiako nti, w’asehwe da no.
11
Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Babel hene nkrante bɛba wo so.
12
Nnɔmmarima nkrante na mede mɛma w’asafo yuu no atotɔ, amanaman mu anuɔdenfo ne wɔn nyinaa, na wɔbɛsɛe Misraim ahantan, na wɔadwerɛw n’asafo yuu nyinaa.
13
Na mɛdwerɛw n’afieboa nyinaa afi nsu akɛse no ho, na onipa nan renhaw no bio, na afieboa ntɔte rensɛe no bio.
14
Ɛno na mɛma wɔn nsu ani agyen, na mama wɔn nsubɔnten asen sɛ ngo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,
15
ɛbere a mɛma Misraim asase ayɛ afo na asase no ada ne mayɛ ho mpan no, ɛbere a mekum wɔn a wɔte so no nyinaa no, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
16
Kwadwom a wɔde besu no ni, amanaman mmabea de besu no, wɔde besu Misraim ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
17
Na afe a ɛto so dumien no, ɔsram a ɛto so dunum no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
18
Onipa ba, twa Misraim asafo yuu so adwo, na ma wɔne amanaman atumfo mmabea nsian nkɔ famfam asase so nka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho.
19
Hena na wosen no ahoɔfɛ? Sian na da momonotofo nkyɛn!
20
Nkrante ano atɔfo mu na wɔbɛtotɔ; wɔde no ama nkrante; montwe ɔno ne n’asafo yuu nyinaa nkɔ.
21
Nnɔmmarima mu atumfo ne n’aboafo fi asaman ka kyerɛ no sɛ: Momonotofo a wɔde nkrante akunkum wɔn no asian deda hɔ.
22
Ɛhɔ na Asaria ne n’asafo nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano;
23
wɔabɔ ne da amoa mu tɔnn, na n’asafo atwa ne damoa ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, wɔn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no.
24
Ɛhɔ na Elam ne n’asafo yuu nyinaa wɔ, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔahwirew wɔn nyinaa mu, wɔatotɔ nkrante ano, momonotofo a wɔasian kɔ asase ase tɔnn a woyii nnipa hu, ateasefo asase so no, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora.
25
Atɔfo mu na wɔatow no mpa, n’asafo yuu no nyinaa mu, wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofo, na wɔakunkum wɔn nkrante ano; efisɛ wɔn ho hu kaa nnipa ateasefo asase so nti, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no asoa wɔn ahohora; wɔde no ato atɔfo mu.
26
Ɛhɔ na Mesek, Tubal ne n’asafo yuu no nyinaa wɔ; wɔn adamoa atwa ne ho ahyia; wɔn nyinaa yɛ momonotofo, wɔakunkum wɔn nkrante ano, efisɛ wɔmaa wɔn ho hu kaa nnipa, ateasefo asase so;
27
na wɔrenneda momonotofo mu nnɔmmarima a wɔatotɔ na wɔde wɔn akode asian kɔ asaman na wɔde wɔn nkrante ahyehyɛ wɔn ti ase nkyɛn; na wɔn amumɔyɛde aba wɔn nnompe so, efisɛ wɔn ho yɛɛ nnɔmmarima hu, ateasefo asase so.
28
Na wo nso wobebubu wo momonotofo mu, na wo ne nkrante ano atɔfo adeda.
29
Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahene ne n’abirɛmpɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrante ano atɔfo nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu; wɔn nso ne momonotofo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no deda hɔ.
30
Ɛhɔ na benkum fam ahemfo nyinaa wɔ, ne Sidonfo a wɔne atɔfo asian kɔ no nyinaa; wɔn ho hu a wɔde wɔn mmaninyɛ yii no mu, wɔn ani awu na wɔdeda hɔ sɛ momonotofo keka nkrante ano atɔfo ho, na wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no soa wɔn ahohora.
31
Wɔn na Farao behu wɔn, na ne werɛ akyekye, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrante ano atɔfo ne Farao ne ne dɔm nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
32
Na mema oyii hu, ateasefo asase so, enti na wɔde no ato momonotofo mu aka nkrante ano atɔfo ho, Farao ne n’asafo yuu nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
← Chapter 31
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 33 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→