bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 35
Ezekiel 35
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 34
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 36 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, dan w’ani kyerɛ Seir bepɔw na hyɛ nkɔm tia no,
3
na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne wo anya, Seir bepɔw, na mɛteɛ me nsa mahyɛ wo, na mede wo mayɛ afo ne ahodwiriwde;
4
mɛma wo nkurow adeda mpan, na w’ankasa woadan afo, na woahu sɛ mene AWURADE.
5
Esiane sɛ wukuraa daa nitan, na wuyii Israel mma hyɛɛ nkrante nsa, wɔn amane bere mu, wɔn asotwe a edi akyiri no mu nti,
6
sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, mede wo mɛyɛ mogya, na mogya atiw wo; sɛ woantan mogya nti, mogya ara na ebetiw wo!
7
Na mɛyɛ Seir bepɔw ahodwiriwde ne afo, na matwa nea ɔresen ne nea ɔresan afi mu,
8
na mede atɔfo mahyɛ ne mmepɔw amaama; wo nkoko so ne w’abon mu ne wo nsubon nyinaa mu na nkrante ano atɔfo begugu.
9
Mɛyɛ wo daa afoafo, na wo nkurow no, obi rentena mu, na moahu sɛ mene AWURADE.
10
Esiane sɛ woka sɛ: Aman abien yi ne nsaase abien yi, bɛdan me de na yɛafa adi so, nanso AWURADE wɔ hɔ,
11
enti, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, me ne wo bedi no sɛ w’abufuw ne wo ninkunu a wo tan a wotan wɔn no nti wotwee no te, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn no;
12
na wubehu sɛ me, AWURADE, mate w’abususɛm a woka tiaa Israel mmepɔw no sɛ: Ayɛ afo, yɛn na wɔde ama yɛn sɛ yenni, no nyinaa.
13
Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate.
14
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛbere a asase no nyinaa ani begye no, wo de, mɛyɛ wo afo.
15
Sɛ w’ani gyee Israel fi agyapade ho sɛ ayɛ afo nti no, saa ara na mɛyɛ wo, afo ara na Seir bepɔw ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
← Chapter 34
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 36 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→