bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 14
Ezekiel 14
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 15 →
1
Na Israel mpanyimfo mu bi baa me nkyɛn bɛtenaa m’anim.
2
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
3
Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn komam, na wɔde wɔn amumɔyɛ hintidua asisi wɔn anim, sɛ obisa na mɛma wɔabisa me ase ama wɔn?
4
Enti kasa kyerɛ wɔn na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Obiara a ofi Israel fi a ɔde n’abosonhunu hyɛ ne komam na ɔde n’amumɔyɛ hintidua si n’ani so na ɔba odiyifo nkyɛn no, me, AWURADE, mebua no ho bi, n’abosonhunu no dodow so,
5
na maso Israel fi no mu, wɔn koma mu, sɛ wɔde wɔn abosonhunu no nyinaa atew wɔn ho afi me ho.
6
Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Monsan na monnan mo ho mfi mo abosonhunu no ho, na monnan mo ani mfi mo akyide no nyinaa ho.
7
Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔasoɛ Israel mu ahɔho no mu, na ɔwae fi me ho, na ɔde n’abosonhunu hyɛ ne koma mu, na ɔde n’amumɔyɛ hintidua si n’ani so, na ɔba odiyifo nkyɛn bebisa no me hɔ ade no, me, AWURADE ankasa, mebua wɔn.
8
Na mɛma m’ani asa onipa no, na medwiriw no ma wayɛ sɛnkyerɛnne ne akasabebui, na matwa no afi me man mu, na moahu sɛ mene AWURADE.
9
Na sɛ odiyifo no ma wɔdaadaa no na ɔka asɛm bi a, ɛnne me, AWURADE, na madaadaa odiyifo ko no, na mɛteɛ me nsa wɔ no so asɛe no afi me man Israel mu,
10
na wɔasoa wɔn amumɔyɛ no; sɛ ɔdebisafo no amumɔyɛ te no, sɛ odiyifo no amumɔyɛ bɛyɛ ne no,
11
nea ɛbɛyɛ na Israel fi amfom kwan amfi m’akyi bio, na wɔamfa wɔn mmarato nyinaa anhura wɔn ho bio, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
12
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
13
Onipa ba, sɛ asase bi yɛ me bɔne, di afomfonsɛm bi, na meteɛ me nsa wɔ so na mibu n’abodoo dua mu, na mema ɔkɔm ba asase so na mitwa nnipa ne mmoa fi so,
14
na sɛ mmarima baasa yi, Noa, Daniel ne Hiob wɔ hɔ a, wɔn de, wɔn trenee so na wobegye wɔn kra, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
15
Sɛ mema mmoa bɔne kyini asase no so, na wɔdwerɛw ɛsofo na ɛdan afo a mmoa no nti obiara ntwam mfa so a,
16
sɛ mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mpo, wɔrennye wɔn; wɔn nko na wobegye wɔn, na asase no de, ɛbɛdan afo.
17
Anaasɛ mede nkrante meba asase no so, na mise: Nkrante mfa asase no so, na mitwa nnipa ne mmoa fi so,
18
na mmarima baasa yi wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mpo, wɔrennye wɔn, na wɔn nko na wobegye wɔn.
19
Anaasɛ mema owuyare ba asase no so, na mihwie m’abufuhyew migu so, mogya mu, sɛ meretwa nnipa ne mmoa afi so,
20
na Noa, Daniel ne Hiob wɔ so a, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa, wɔrennye wɔn babanin ne wɔn babea; na wɔn de, wɔn trenee so na wobegye wɔn kra.
21
Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Na menne sɛ mɛma m’atemmude bɔne anan, nkrante ne ɔkɔm ne mmoa bɔne ne owuyare, aba Yerusalem so de atwitwa nnipa ne mmoa afi mu.
22
Nanso hwɛ, nnipa a wobefi mu afi bɛka wɔ mu, mmabanin ne mmabea, wɔde wɔn befi adi; hwɛ, wobefi adi aba mo nkyɛn, na moahu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe, na moakyekye mo werɛ, bɔne a mede mebaa Yerusalem so, ade a mede mebaa so no nyinaa ho.
23
Na sɛ muhu wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe a, wɔbɛkyekye mo werɛ: Na moahu sɛ ɛnyɛ ɔkwa na meyɛɛ ade a meyɛe wɔ mu no nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
← Chapter 13
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 15 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48