bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 8
Ezekiel 8
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 9 →
1
Na afe a ɛto so asia, ɔsram a ɛto so asia, da a ɛto so anum a mete me fi na Yuda mpanyimfo tete m’anim no, AWURADE Nyankopɔn nsa tɔɔ me so wɔ hɔ.
2
Na mehwɛe, na hwɛ, suban bi a ɛte sɛ ogya ni, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ fam yɛ ogya, na efi n’asen so de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani.
3
Na oyii biribi a ɛte sɛ nsa sɛso, na osoo m’atifi nwi mu, na honhom no maa me so faa asase ne ɔsoro ntam de me kɔɔ Yerusalem, Onyankopɔn anisoadehu no mu, de me baa emu fam ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam no ano, nea ninkuntwe honi bi a eyi ninkunu si hɔ.
4
Na hwɛ, Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ hɔ sɛ ade a mihui, obon no mu no.
5
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma w’ani so kɔ atifi fam ɛ! Na memaa m’ani so mekɔɔ atifi fam, na hwɛ, afɔremuka ponkɛse no atifi fam na ninkuntwe honi no si abobow ano.
6
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea wɔreyɛ yi? Akyide akɛse a Israel fi reyɛ ha yi, sɛ mimfi me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsan ahu akyide akɛse bio.
7
Na ɔde me baa abangua so pon ano, na mehwɛe, na hwɛ, tokuru biako wɔ ɔfasu no mu.
8
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, funu fasu no mu ɛ! Na mifunuu ɔfasu no mu, na hwɛ, ɔpon bi ni.
9
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛn mu kɔhwɛ akyide bɔne a wɔreyɛ wɔ ha.
10
Ɛnna mehyɛn mu mekɔhwɛe, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa horow a wokyi nyinaa ne Israel fi abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyerɛw wɔn ɔfasu no ho ahyia yi.
11
Na mmarima aduɔsɔn a wofi Israel fi mpanyimfo mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhuamhyew kuku kurakura wɔn nsam, na aduhuamhyew wusiw hua sɔree.
12
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so wuhu nea Israel fi mpanyimfo reyɛ esum mu, wɔn ahoni mpia mu mmiako mmiako? Efisɛ wɔka sɛ: AWURADE nhu yɛn, AWURADE agyaw asase no.
13
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Wobɛsan ahu akyide akɛse a wɔreyɛ bio.
14
Ɛnna ɔde me baa AWURADE fi ponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, ɛhɔ na mmea tetee resu Tamus.
15
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? Wobɛsan ahu akyide akɛse a ɛsen eyinom bio.
16
Ɛnna ɔde me baa AWURADE fi mu fam abangua so, na hwɛ, AWURADE asɔredan no, ntwironoo ne afɔremuka no ntam no, mmarima aduonu anum a wɔn akyi kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔkotow kyerɛ apuei resɔre owia ni.
17
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, woahu? So ɛyɛ hare ma Yuda fi sɛ wɔyɛ akyide a wɔyɛ ɛha yi, sɛ wɔde atirimɔden rehyɛ asase yi so ma, na wɔasan abehuru me bo? Na hwɛ, wɔde dubaa no ka wɔn hwene.
18
Na me nso, medi no anibere so; m’aniwa renkyɛe so, na merenhu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛse besu agu m’asom de, nanso merentie wɔn.
← Chapter 7
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 9 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→