bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 3
Ezekiel 3
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 4 →
1
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nea wuhu no, di! Di nhoma mmobɔwee yi, na kɔ kɔkasa kyerɛ Israel fi.
2
Ɛnna mibuee m’anom, na ɔma midii nhoma mmobɔwee no,
3
na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma wo yafunu nni, na fa nhoma mmobɔwee a mede merema wo yi hyɛ w’ayamde ma. Na midii, na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo.
4
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sim kɔ Israel fi nkyɛn, na fa me nsɛm kɔka kyerɛ wɔn.
5
Na ɛnyɛ ɔman a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkrɛma yɛ duru nkyɛn na wɔasoma wo, na mmom Israel fi nkyɛn;
6
ɛnyɛ aman pii a wɔn kasa mu dɔ na wɔn tɛkrɛma yɛ duru a wonte wɔn nsɛm nkyɛn, ampa, sɛ wɔn nkyɛn na mesoma wo a, anka wɔn de, wobetie wo.
7
Na Israel fi mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me; na Israel fi nyinaa momaso ayɛ den, na wɔn koma apirim.
8
Hwɛ, mahyɛ w’ani den wɔn anim, na mama wo moma so ayɛ den ahyɛ wɔn moma so.
9
Mayɛ wo momaso sɛ ahemmo a ɛyɛ den sen twɛrebo; nsuro wɔn, na mma wo bo nntu wɔn anim, na wɔyɛ asowuifo fi.
10
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, me nsɛm a mɛka makyerɛ wo nyinaa, fa wo koma gye, na fa w’aso tie,
11
na sim kɔ atukɔfo, wo man mma no nkyɛn, na kɔka kyerɛ wɔn, na wotie oo, wɔantie oo, se wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se.
12
Ɛnna honhom no maa me so, na metee ɔwosow kɛse nne wɔ m’akyi sɛ: Nhyira ne AWURADE anuonyam! Fi nea ɔte hɔ;
13
ne ateasefo no ntaban a etwitwiw mu no nne, ne nkyimii a ɛwowɔ wɔn nkyɛn mu no nne, ne ɔwosow kɛse nne.
14
Na honhom no maa me so faa me kɔe: Mede awerɛhow na ɛkɔe, me honhom anibere no mu, na AWURADE nsa yɛɛ me so den.
15
Na mebaa Tel-abib atukɔfo a wɔtete asu Kebar ho no nkyɛn ne nea wɔte hɔ no, na metenaa hɔ nnansɔn, na me ho dwiriw me wɔ wɔn mu.
16
Na nnansɔn twaa mu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
17
Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.
18
Sɛ mise ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no antwe ɔbɔnefo no amfi ne kwammɔne so na wanya nkwa a, ɛnne ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu de, nanso ne mogya de, mebisa wo nsam.
19
Na sɛ wobɔ ɔbɔnefo no kɔkɔ, na wansan amfi ne bɔne no ne ne kwammɔne no so a, ɔno bewu n’amumɔyɛ mu, na wo de, woagye wo kra.
20
Nanso sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee mu na ɔyɛ abusude a, mede hintidua mɛto n’anim, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ a, obewu ne bɔne no mu, na wɔrenkae n’adetrenee a ɔyɛe no; na ne mogya de, wo nsam na mebisa.
21
Nanso sɛ wobɔ ɔtreneeni kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔtreneeni bi renyɛ bɔne, na ɔno nso anyɛ bɔne a, nkwa na obenya, efisɛ watie kɔkɔbɔ, na wo nso woagye wo kra.
22
Na AWURADE nsa baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre fi adi kɔ obon no mu, na me ne wo nkɔkasa wɔ hɔ.
23
Ɛnna mesɔre mifi mekɔɔ obon no mu, na hwɛ, AWURADE anuonyam no gyina hɔ sɛ anuonyam a mihui asu Kebar ho no; na mede m’anim mibutuw fam.
24
Na honhom no bɛhyɛn me mu ma migyinaa m’anan so na ɔne me kasae ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔto wo ho mu hyɛ wo fi.
25
Na wo, onipa ba, hwɛ, wɔde nhama begu wo so de akyere wo, na woremfi wɔn mu mfi adi.
26
Na wo tɛkrɛma nso, mɛma afam wo dodo mu, na woatɔ mum, na woanyɛ wɔn ɔkasakyerɛfo, efisɛ wɔyɛ asowui fi.
27
Na sɛ me ne wo rebɛkasa a, mebue w’ano na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se. Ma ɔtefo nte, na ogyaefo nnyae; na wɔyɛ asowui fi.
← Chapter 2
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 4 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→