bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 6
Ezekiel 6
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 7 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔw, na hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn,
3
na ka sɛ: Mo Israel mmepɔw, muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ mmepɔw ne nkoko, nsubon ne abon ni: Hwɛ, mede nkrante mereba mo so mabɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea,
4
na mo afɔremuka adan afo, na wɔabubu mo wia adum no, na mama mo atɔfo agugu mo abosom ahoni anim,
5
na mede Israelfo afunu magu wɔn abosom ahoni anim, na mabɔ mo nnompe mapete mo afɔremuka ho ahyia.
6
Mo tenabea nyinaa nkurow bɛdan amamfo, na sorɔnsorɔmmea no bɛdan ahodwiriwde, sɛnea ɛbɛyɛ na mo afɔremuka adan afo ne ahodwiriwde, na wɔabubu mo abosom ahoni asɛe no, na wɔatwitwa mo wia adum, na wɔagu mo nneyɛe no.
7
Na atɔfo bɛhwehwe ase mo mu, na moahu sɛ mene AWURADE.
8
Nanso megyaw mo ebinom a wobefi nkrante ano aka, amanaman mu, bere a wɔbɛbɔ mo apete nsaase so no.
9
Na mo mu nnipa a wobefi mu afi no bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn aguamammɔ koma a atwe afi me ho ne wɔn aniwa a edi wɔn abosom akyi aguamammɔ mu no; na wɔn ankasa ho bɛyɛ wɔn nwini, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyide nyinaa mu no ho;
10
na wobehu sɛ mene AWURADE; ɛnyɛ ɔkwa na maka sɛ mɛyɛ wɔn bɔne yi.
11
Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka ni: Bɔ wo nsam, na fa wo nan pempem fam, na ka sɛ: Ao, Israel fi akyide bɔne nyinaa nti wonnue, sɛ wɔbɛtotɔ nkrante ne ɔkɔm ne owuyare ano.
12
Nea ɔwɔ akyirikyiri bewu owuyare ano, na nea ɔbɛn nso bɛtɔ nkrante ano, na nea waka ne nea wɔakora no so bewu ɔkɔm ano, na m’anibere bewie wɔn so.
13
Na mubehu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfo bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam atwa wɔn afɔremuka ho ahyia, nkoko a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔw atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum kusukusuu nyinaa ase, nea wɔhyew hɔ aduhuam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.
14
Na mɛteɛ me nsa mahyɛ wɔn, na mɛyɛ asase no afo ne ahodwiriwde asen Ribla sare so, wɔn tenabea nyinaa mu, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
← Chapter 5
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 7 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→