bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 30
Ezekiel 30
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 31 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mommɔ abubuw! Ao, ɛda no!
3
Na ɛda no abɛn, ɛda no abɛn ama AWURADE, ɛbɛyɛ awerɛhow da, ɛbɛyɛ bere bɔne ama amanaman.
4
Na nkrante bɛba Misraim so, na nketenkete akita Etiopia, ɛbere a apirafo retotɔ Misraim na wɔrefa emu asafo yuu akɔ na wɔredwiriw ne nnyinaso no.
5
Etiopia ne Put ne Lidia ne afrafrafo dɔm nyinaa ne Kub ne apam asase no sofo ne wɔn bɛtotɔ nkrante ano.
6
Sɛ AWURADE se ni: Wɔn a wokura Misraim mu bɛtotɔ, na n’ahoɔden ahantan no abrɛ ase; efi Migdol kosi Siene abantenten ho bɛtotɔ nkrante ano, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni,
7
na wɔbɛyɛ pasaa, nsaase a ayɛ pasaa mu, na ne nkurow afra nkurow afoafo mu,
8
na wɔahu sɛ mene AWURADE, bere a meresɔ ogya Misraim na wɔasɛe n’aboafo nyinaa no.
9
Ɛda no abɔfo befi m’anim afi adi, ahyɛn mu, akɔma Etiopia a ɛwɔ hɔ anibiannaso so no abɔ piriw, na ehu bɛba wɔn mu sɛ Misraim da no, na hwɛ, ɛreba.
10
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mede Babel hene Nebukadnesar nsa metwa Misraim asafo yuu no to.
11
Ɔno ne ne man a ɛka ne ho no, amanaman anuɔdenfo no, wɔde wɔn reba abɛsɛe asase no, na wɔatwetwe wɔn nkrante ahyɛ Misraim, na wɔde atɔfo ahyɛ asase no ma.
12
Na mɛma nsubɔnten no ayoyow, na matɔn asase no mahyɛ abɔnefo nsa, na mede ananafo nsa mayɛ asase no pasaa; me, AWURADE, na maka.
13
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛsɛe ahoni huhuw no na matwa abosonhuhuw no to mafi Memfis, na ɔbirɛmpɔn remfi Misraim asase so mma bio, na mɛma ehu aba Misraim asase so.
14
Na mɛyɛ Patros pasaa, na masɔ ogya Soan, na mayɛ atemmude no wɔ Tebes,
15
na mahwie m’abufuhyew magu Sin, Misraim aban a ɛyɛ den no so, na matwa Tebes asafo yuu no to.
16
Na mɛto Misraim mu gya; Sin behu ayayade, na wɔde Tebes bɛma ma wɔabu afa mu, na Memfis behu ahohiahiafo awia,
17
On ne Pi-beset mmerante bɛtotɔ nkrante ano, na emutefo akɔ nnommumfa mu;
18
Tehafnehes nso, ɛda no beduru sum, sɛ merebubu Misraim kɔndua wɔ hɔ, na n’ahoɔden ahantan to betwa wɔ ne mu, na omununkum bɛkata no so, na ne mmabea akɔ nnommumfa mu.
19
Na mɛyɛ atemmude Misraim, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
20
Na afe a ɛto so dubiako no sram a edi kan no da a ɛto so ason no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
21
Onipa ba, Misraim hene Farao basa no, mabu, na hwɛ, wɔnkyekyeree sɛ wɔresa, sɛ wɔde ntamabamma rekyekyere so, sɛ wɔde rema emu ayɛ den na atumi aso nkrante mu.
22
Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, me ne Misraim hene Farao anya, na merebebu n’abasa no, nea ɛyɛ den ne nea abu no, na mama nkrante no afi ne nsa atɔ fam;
23
na mɛbɔ Misraimfo apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsaase so.
24
Na mɛhyɛ Babel hene abasa den, na mede ne nkrante mahyɛ ne nsa, na mabubu Farao abasa, na wapenepene ɔtɔfo pene n’anim.
25
Na mɛma Babel hene abasa ayɛ den, na Farao abasa agu fam, na wɔahu sɛ mene AWURADE, sɛ mede me nkrante merehyɛ Babel hene nsa, na wateɛ Misraim asase no so,
26
na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsaase so, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
← Chapter 29
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 31 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→