bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 11
Ezekiel 11
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 12 →
1
Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fi no apuei fam ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no ano; na hwɛ, mmarima aduonu anum gyina ɔponkɛse no ano, na mihuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu.
2
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, eyinom ne mmarima a wodwen abususɛm na wotu fo bɔne, kurow yi mu;
3
wose: Bere a wɔde sisi adan nnui; kurow yi ne dadesɛn no, na yɛne nam no.
4
Ɛno nti hyɛ wɔn ho nkɔm, hyɛ nkɔm, onipa ba!
5
Na AWURADE honhom tɔɔ me so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na moka, Israel fi, na nea ɛba mo adwene mu no, me de, minim.
6
Moama mo atɔfo adɔɔso kurow yi mu, na mode atɔfo ahyehyɛ emu mmorɔn amaama.
7
Ɛno nti, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mo atɔfo a mode agugu mu no, wɔne nam no, na kurow no ne dadesɛn no, na mo de, wobeyi mo afi mu.
8
Nkrante na musuro, nso nkrante ara na mede mɛba mo so, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
9
Na meyi mo afi mu, na mede mo mahyɛ ananafo nsa, na mebu mo mu atɛn.
10
Nkrante ano na mobɛtotɔ, Israel hye so na mebu mo atɛn, na moahu sɛ mene AWURADE.
11
Kurow no renyɛ mo dadesɛn, na mo nso morenyɛ mu nam; Israel hye so na mebu mo atɛn,
12
na moahu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛde so na moanyɛ m’atemmude, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmude so na mudii.
13
Na merehyɛ nkɔm no, Benaia ba Pelatia wui. Ɛnna mede m’anim mibutuw fam mede nne kɛse misuu sɛ: Ao, AWURADE Nyankopɔn, owie na worewie Israel nkae koraa yi!
14
Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
15
Onipa ba, wo nuanom, wo nuanom ne wo bogyafo ne Israel fi mu nyinaa na Yerusalemfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi AWURADE ho nkɔ akyirikyiri, yɛn na wɔde asase yi ama yɛn sɛ yenni so.
16
Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛwom sɛ mede wɔn mekɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn mepetee nsaase so de, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsaase a wɔakɔ so no so.
17
Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛboa mo ano afi aman mu, na matase mo afi nsaase a wɔabɔ mo apete so no so, na mede Israel asase no mama mo,
18
na wɔaba hɔ abeyi emu atantanne nyinaa ne emu akyide nyinaa afi mu akɔ.
19
Na mɛma wɔn koma koro, na mede honhom foforo mahyɛ mo mu, na mayi ɔbo koma no mafi wɔn honam mu, na mama wɔn ɔhonam koma,
20
na wɔanantew m’ahyɛde mu, na wɔadi m’atemmude so ayɛ, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.
21
Na wɔn a wɔn koma di wɔn atantanne ne wɔn akyide akyi no, mede wɔn kwan mebua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
22
Ɛnna Kerubim no momaa wɔn ntaban so, na nkyimii no siane wɔn, na Israel Nyankopɔn anuonyam no wɔ wɔn so wɔ soro;
23
na AWURADE anuonyam no maa ne ho so fii kurow no mu, na ekogyinaa bepɔw a ɛda kurow no anim no so.
24
Na honhom no maa me so de me kɔɔ Kaldea, atukɔfo no nkyɛn, anisoadehu mu, Onyankopɔn honhom mu; na ade a mihui no fii me so kɔɔ soro.
25
Na mekaa AWURADE nsɛm a ɔma mihui no nyinaa mekyerɛɛ atukɔfo no.
← Chapter 10
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 12 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48