bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 31
Ezekiel 31
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 32 →
1
Na afe a ɛto so dubiako no, ɔsram a ɛto so abiɛsa no da a edi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, ka kyerɛ Misraim hene Farao ne n’asafo yuu no sɛ: Wote sɛ hena, wo kɛseyɛ mu?
3
Hwɛ, Asaria yɛ Lebanon so kyeneduru, n’abaa fɛfɛ, n’ahaban kusuu a ɛma onwini, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ amununkum ntam.
4
Nsu ma ɛyɛɛ kɛse, ebun ma ɛkorɔnee. Ne nsuten sen twaa ne mfuw ho hyiae, na ɛde ne nsuka kɔɔ wuram nnua nyinaa ho.
5
Enti ɛkorɔn sorɔnsorɔn sen wuram nnua nyinaa, n’abaa akɛse wowaree atenten, nsu dodow a enyae a eyiyi abaa no nti.
6
N’abaa frɔmfrɔm no mu na wim nnomaa nyinaa yeyɛɛ mmerebuw, na n’abaa akɛse no ase na wuram mmoa nyinaa wowoo wɔn mma, na n’ase nwini mu na amanaman akɛse nyinaa tenae.
7
Na ne ho yɛ fɛ, ne kɛseyɛ mu, ne nnubaa tentenyɛ mu, efisɛ ne ntini wɔ nsu bebree ho;
8
nkyeneduru ankyɛn no, Onyankopɔn turo mu, apopaw nnua nte sɛ n’abaa frɔmfrɔm, na ɔkyɛnkyɛn nte sɛ n’abaa akɛse; dua biara nni Onyankopɔn turo mu a ɛsɛ no n’ahoɔfɛ mu;
9
mede ne nnubaa dodow meyɛɛ no fɛfɛ ma Eden nnua a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu no nyinaa ani bere no.
10
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ ɛware ne korɔn mu na eyii ne ntɛntɛnoa kɔɔ amununkum mu, na ne koma homanee n’ahantan mu nti,
11
mede no mehyɛɛ amanaman tumfo nsa; odi na ɔne no dii, n’abɔnefosɛm nti na mituu no.
12
Na ananafo, amanaman mu anuɔdenfo, tow no gui na wogyaw no; mmepɔw so ne abon nyinaa mu na ne nnubaa gugui, na n’abaa akɛse no bubui asase so nsubon nyinaa mu, na asase so aman nyinaa fii ne nwini no mu sian kɔ gyaw no.
13
Ne dutan a ɛda fam no so na wim nnomaa nyinaa sisii, na n’abaa akɛse no so na wuram mmoa nyinaa wɔ.
14
Ɛyɛɛ saa na nsu ho nnua nyinaa mu biara amma ne ho so, ne korɔn nti, na anyiyi ne ntɛntɛnoa, amununkum mu, na wɔn atumfo amma wɔn ho so annyina wɔn ahantan mu, wɔn a wɔnom nsu nyinaa, efisɛ wɔde wɔn nyinaa ama owu akɔ asase ase tɔnn, nnipa mma nyinaa mu, akɔ wɔn a wosian kɔ amoa mu no nkyɛn.
15
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Da a osian kɔɔ asaman no, memaa nkɔmmɔdi bae, ne nti memaa ebun so katae, na misiw ne nsubɔnten ano, na wosiankaa nsu bebree no; na memaa Lebanon furaa no so birisi tumm, na ne nti wuram nnua nyinaa botowee.
16
N’asehwe gyegyeegye so memaa amanaman wosowee, bere a mereduru no makɔ asaman maka wɔn a wosian kɔ amoa mu no ho no; na Eden nnua nyinaa, Lebanon ade a wɔapaw a eye no, wɔn a wɔnom nsu nyinaa, bo tɔe, asase ase.
17
Wɔn nso a wɔyɛ ne basa a wɔte n’ase nwini mu, amanaman mu no, wɔne no sian kɔɔ asaman kɔɔ nkrante ano atɔfo nkyɛn.
18
Ɛhena na wosɛ no saa, anuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no besian akɔ asase ase, momonotofo mu na wobɛda, nkrante ano atɔfo nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
← Chapter 30
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 32 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48