bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 25
Ezekiel 25
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 26 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Onipa ba, yi w’ani kyerɛ Amonfo, na hyɛ nkɔm tia wɔn.
3
Na ka kyerɛ Amonfo no sɛ: Muntie AWURADE Nyankopɔn asɛm: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ moka sɛ: Wiɛɛ! Sɛ me kronkronbea ho ahura, ne Israel asase ho, sɛ ayɛ afo, ne Yuda ofi ho nso, sɛ wɔkɔ tukɔ mu nti,
4
hwɛ mereyi wo mama apueifo sɛ wɔmfa wo nni, na wɔmmobɔ wɔn nsra wo mu, na wonsisi wɔn tenabea wo mu; wɔn na wobedi w’aba, na wɔn ara anom wo nufusu;
5
na mede Raba mɛyɛ yoma adan, na Amonfo asase ayɛ nguan butubea, na moahu sɛ mene AWURADE.
6
Na sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ woabɔ wo nsam na wode wo nan apempem fam na w’ahantan nyinaa mu woama wo koma atɔ wo yam Israel asase ho no nti,
7
hwɛ, mereteɛ me nsa mahyɛ wo, na mede wo mayɛ amanaman asade, na matwa wo afi aman mu, na masɛe wo afi nsaase mu, na madwerɛw wo, na woahu sɛ mene AWURADE.
8
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Moab ne Seir ka sɛ: Hwɛ, Yuda fi ayɛ sɛ amanaman nyinaa nti,
9
hwɛ, merebue Moab nkyɛn mu afi nkurow no so, nkurow a ɛdeda n’ahye ho so, asase a eye no, Bet-yesimot, Baal-meon de kɔka Kiriataim,
10
mede mama apuei mma mapae Amonfo de no so, na mama wɔafa adi wɔn so, nea ɛbɛyɛ na wɔankae Amonfo bio aman mu,
11
na mɛyɛ Moab atemmude, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
12
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Edom adi Yuda fi so were na wɔadi so pa ara na wɔatɔ wɔn so were no nti,
13
sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Mɛteɛ me nsa mahyɛ Edom, na matwitwa emu nnipa ne afieboa, na mayɛ no afo afi Teman, na wɔatotɔ nkrante ano akodu Dedan.
14
Na mede me man Israel nsa mewie m’aweredi Edom so, na wɔne Edom adi no m’abufuw ne m’anibere so, na wɔahu m’aweredi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
15
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Esiane sɛ Filistifo atɔ no so were, na wɔde ɔkra mu ahitew atɔ wɔn ho were sɛ wɔde daa ɔtan bɛsɛe wɔn no nti,
16
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ mereteɛ me nsa mahyɛ Filistifo, na matwa Keretifo no, na masɛe nea aka mpoano no.
17
Na mede abufuhyew kɛse mɛtɔ wɔn so were, na me were a medi wɔn so no mu wɔahu sɛ mene AWURADE.
← Chapter 24
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 26 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48