bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 47
Ezekiel 47
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 46
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 48 →
1
Ɛnna ɔde me san baa asɔredan no pon ano, na hwɛ, nsu fi asɔredan no apongua no ase resen kɔ apuei fam, (na ɔdan no anim kyerɛ apuei), na nsu no resian wɔ ase, ofi no anafo so, afɔremuka no anafo fam.
2
Na ɔde me nam atifi fam ponkɛse no kwan so fii adi, na ɔde me faa mfikyikwan no so kɔntɔn baa anim ponkɛse a ɛkyerɛ apuei no kwan so, na hwɛ, nsu fi anafo resen.
3
Ɔbarima no fi kɔɔ apuei no, na susuhama kura ne nsam, na osusuw basafa ahanum, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nansabon;
4
na osusuw apem, na ɔde me twaa nsu no, nsu a ɛka nankoroma; na osusuw ahanum, na ɔde me twae, nsu a ɛka asen;
5
na osusuw apem, na ɛyɛ asu a mantumi mantwa, efisɛ nsu no mu dɔ ayɛ sɛ nsu a wɔboro, asu a wontumi ntwa.
6
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so woahu? Na ɔde me nam asu no ano san bae,
7
na mesan mebae, na hwɛ, nnua bebree pa wɔ asu no ano, ha ne ha.
8
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Nsu yi fi sen kɔ apuei fam dantaban no mu na esian kɔ tataw no so, na ɛkɔ po mu; ɛpo mu na nsu a efi sen yi kɔ, na asa nsu no yare.
9
Na ɔkra teasefo biara a ɛka ne ho baabiara a asu a ɛboro so yi bɛkɔ hɔ no benya nkwa na emu nam bɛdɔɔso bebree pa, efisɛ nsu yi bɛkɔ hɔ, na wɔasa po no nsu yare, na ade nyinaa anya nkwa, nea asu no kɔ.
10
Na apofofo begyina so, efi En-gedi kosi En-eglaim bɛyɛ asawu hatabea; emu mpataa bɛyɛ ahorow, sɛ ɛpo kɛse mu nam bebree pa.
11
Ɛho dontori ne atɛkyɛ de, wɔrensa, wɔde bɛma ayɛ nkyene.
12
Na asu no kɔn so ha ne ha na nnua a wodi ahorow nyinaa befifi; n’ahaban rempo, na n’aba rensa, ɛbɛsosow n’asram so, efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen; na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru.
13
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Eyi ne ɔhye a mode bɛkyɛ asase no ama Israel mmusuakuw dumien no adi so; Yosef de nyɛ ahama abien;
14
na monkyɛ nni so mma obiara de nyɛ sɛ ne nua de, efisɛ ɛho na maka ntam sɛ mede mɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo na moadi so.
15
Na asase no hye ni: Ano a ɛda atifi fam: Efi ɛpo kɛse no ano fa Hetlon kwan a wɔrekɔ Sedad no so,
16
Hamat, Berota, Sibraim (a ɛda Damasko ne Hamat hye ntam no), Haser-hatikon a ɛda Hauran hye ho no;
17
na ɔhye no fi ɛpo no ano kɔ Hasar-enon, Damasko hye so, na atifi fam de, ɔhye a ɛda atifi fam ne Hamat; na ɛne ano a edi atifi fam no.
18
Na ɔhye a ɛda apuei fam ne Yordan a ɛwɔ Hauran ne Damasko ne Gilead ɛne Israel asase ntam no, munsusuw mfi ɔhye no so nkɔ apuei po no ano; na ɛne ɔhye a edi apuei fam no.
19
Na ɔhye a ɛda nifa fam kyerɛ nifa no: Efi Tamar kɔ ɔham nsu a ɛwɔ Kades nam Misraim Subon no ano kodu ɛpo kɛse no ano; na ɛne ɔhye a ɛkyerɛ nifa, nifa fam no.
20
Na ɔhye a ɛda atɔe fam ne ɛpo kɛse no fi ɔhye no ano ara kosi Hamat ntentenso; ɛne ɔhye a edi atɔe no.
21
Na monkyɛ asase yi mu mfa, sɛ Israel mmusuakuw no te.
22
Na ntonto so na monkyɛ asase no mfa nni so, mo ne ananafo a wɔabɛsoɛ mo mu ahɔho a mo mu wɔawowo mma no, na wɔnyɛ mo sɛ wɔn a wɔwoo wɔn Israel mma mu, wɔne mo mmɔ agyapade so ntonto, Israel mmusuakuw no mu;
23
na abusuakuw ko a ɔnanani bi abɛsoɛ mu hɔho no, ɛhɔ ara na momma no n’agyapade, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
← Chapter 46
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 48 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→