bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 45
Ezekiel 45
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 44
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 46 →
1
Na sɛ morebɔ asase no so ntonto de akyerɛ agyapade a, munyi so soma afɔrebɔde, asase no mu akronkronne mma AWURADE; ne ntwemu nyɛ susuw basafa mpem dumien ne ahanum, na ne trɛw nyɛ basafa mpem du; ɛne asase kronkron, ne hye nyinaa mu hyia.
2
Eyi mu basafa ahanu aduonum a ɛma ɛyɛ ahinanan hyia no nyɛ kronkronbea no de, na basafa aduonu anum nyɛ ne mfikyisaase ntwa ho nhyia.
3
Na asase a moasusuw no ara mu, susuw ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum na ne trɛw basafa ɔpedu, na eyi mu na kronkronbea no, akronkronne mu kronkron no ntena;
4
asase no mu akronkronne ne no, ɛnyɛ asɔfo a wɔsom kronkronbea a wɔbɛn bɛsom AWURADE no de, na ɛnyɛ wɔn adan sisibea ne kronkronbea ho kronkronbea.
5
Na ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum no ne ne trɛw mu basafa mpem anum nyɛ Lewifo a wɔyɛ ofi no mu asomfo de, na ɛnyɛ wɔn kyɛfa, nkurow a wɔbɛtena mu mu.
6
Nanso munyi kurow no kyɛfa a ne trɛw basafa mpem abien ne ahanum na ne ntwemu basafa mpem dumien ne ahanum, kronkronbea soma afɔrebɔde no ho, ɛnyɛ Israel fi nyinaa dea.
7
Na ɔberɛmpɔn no de no nna kronkronbea no soma afɔrebɔde ne kurow no kyɛfa no nkyɛn mu ha ne ha, kronkronbea no soma afɔrebɔde ne kurow no kyɛfa no anim, atɔe fam de rekɔ atɔe, ne apuei fam de rekɔ apuei, ntwemu ne mmusuakuw no kyɛfa no mmiako mmiako de no nsɛ, emfi atɔe hye so nkɔ apuei hye so;
8
asase no na ɛnyɛ ne kyɛfa Israel mu, na m’aberɛmpɔn anhyɛ me man so bio, na wɔmfa asase no mma Israel fi sɛ wɔn mmusuakuw no te.
9
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Momma ɛnnɔɔ mo so, Israel abirempɔn, munyi amimdi ne nhyɛso, na monyɛ atemmude ne atreneede, munyae sɛ monam ɔhyɛ so gye nsaase fi me nkurɔfo nsam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
10
Munnya nsenia pa ne olonka papa ne galɔn pa;
11
olonka ne galɔn nsusuwii nyɛ biako, na galɔn nkura homer nkyɛmu du mu biako, na olonka nso nyɛ homer nkyɛmu du mu biako; ne nsusuwii nyɛ sɛ homer biako.
12
Na dwetɛbona nyɛ gera aduonu, nnwetɛbona aduonu anum, nnwetɛbona dunum nyɛ mo mane.
13
Eyi ne soma afɔrebɔde a momma so: Awi homer mu olonka nkyɛmu asia mu biako ne atoko homer mu olonka nkyɛmu asia mu biako;
14
na ngo ho ahyɛde ni: Ngo bat no, bat nkyɛmu du mu biako na momma mfi susukora a ɛne homer a edi bat du no mu; na bat du na ɛyɛ homer;
15
na oguan biako a ofi nguankuw mu, nguan ahanu a ɛwɔ Israel adidibea a ɛhɔ afɔw no mu, na ɛnyɛ aduan afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, na wɔmfa mpata mma wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
16
Asase no so man nyinaa mfa soma afɔrebɔde yi mma Israel mu birɛmpɔn no.
17
Na nea ɛda ɔberɛmpɔn no so ne sɛ ɔmma ɔhyew afɔre, aduan afɔre ne ahwiesa, nnapɔnna ne asram foforo ne home nna wɔ Israel fi afa a wɔhyehyɛ nyinaa mu, ɔno ara na ɔmma bɔne ho afɔre ne aduan afɔre ne ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a wɔde pata ma Israel fi no.
18
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɔsram a edi kan no da a edi kan no, fa nantwiforo a onni dɛm yi kronkronbea no ho bɔne.
19
Na ɔsɔfo no mfa bɔne ho afɔre mogya no bi nkeka ofi no apongua ne afɔremuka no afofare no twea anan ne emu fam abangua ponkɛse no apongua ho.
20
Na ɔsram no da a ɛto so ason no, yɛ saa ara, nea wafom anibiannaso ne ne ntetekwaasɛm so no nti, na momfa mpata mma ofi no.
21
Ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no nyɛ mo twam nnapɔnna nnansɔn; apiti na wonni.
22
Na ɔberɛmpɔn no mfa nantwinini bi da no ara mmɔ n’ankasa ne asase no so man nyinaa ho bɔne ho afɔre;
23
na afahyɛ nnansɔn no nyinaa, ɔmmɔ ɔhyew afɔre mma AWURADE, anantwinini ason ne adwennini ason a dɛm nni wɔn ho, nnafua ason yi daa, ne bɔne ho afɔre nso, ɔpapo biako da biara;
24
na ɔmma aduan afɔre nso, nantwi biako de olonka biako, ne odwennini biako de olonka biako, na ngo susutoa biako nka olonka biako ho.
25
Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no, afahyɛ no mu no, ɔnyɛ sɛ eyi ara nnansɔn, sɛ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre ne aduan afɔre ne ngo no ara.
← Chapter 44
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 46 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→