bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Ezekiel 37
Ezekiel 37
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 36
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 38 →
1
AWURADE nsa baa me so, na AWURADE de me fii adi honhom mu, na ɔde me kosii obon kɛse a nnompe ara nko ayɛ mu ma mu;
2
na ɔma mefaa so mikyini mihyiae, na hwɛ, ɛdɔɔso pa ara obon no ani, na hwɛ, ɛho awo akokwaw sɛ.
3
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, so nnompe yi benya nkwa anaa? Na mise: AWURADE Nyankopɔn, wo na wunim.
4
Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nnompe yi so nkɔm, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo nnompe a mo ho akokwaw, muntie AWURADE asɛm.
5
Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ nnompe yi ni: Hwɛ, merema honhom abɛhyɛn mo mu na moanya nkwa.
6
Na mede ntini mesuso mo mu, na mede nam agu mo so, na mede were makata mo ho, na mede honhom mahyɛ mo mu, na moanya nkwa, na moahu sɛ mene AWURADE.
7
Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no; na mehyɛɛ nkɔm no, ɛnne bi bae, na hwɛ, ɔwosow bi ni, na nnompe no hyiahyiae, dompe bɛkaa ne dompe ho.
8
Na mehwɛe, na hwɛ, ntini baa so, na nam baa ho, na were bɛkataa so, nanso na honhom bi nni mu.
9
Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hyɛ nkɔm kyerɛ honhom no, hyɛ nkɔm, onipa ba, na ka kyerɛ honhom no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Honhom, fi mframa anan no so bra, na bɛhome gu nnipa a wɔakunkum wɔn yi so, na wonnya nkwa.
10
Ɛnna mehyɛɛ nkɔm sɛnea wɔhyɛɛ me no; na honhom no baa wɔn mu, na wonyinyaa nkwa, na wogyinagyinaa wɔn anan so, dɔm kɛse pa ara.
11
Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fi no nyinaa; hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwaw, na yɛn anidaso ayera; wɔatwa yɛn korakora!
12
Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merebuebue mo adamoa ano mafa mo, me man, afi mo adamoa mu, na mede mo akɔ Israel asase so,
13
na moahu sɛ mene AWURADE, sɛ mebuebue mo adamoa ano, me man, na mama moafi mo adamoa mu aba.
14
Na mede me honhom mɛhyɛ mo mu, na moanya nkwa, na mede mo adua mo asase so, na moahu sɛ me, AWURADE, na maka na mayɛ, AWURADE asɛm ni.
15
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
16
Na wo, onipa ba, fa dua biako fa, na kyerɛw so sɛ: Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no de; na fa dua biako nso, na kyerɛw so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fi a wɔka ne ho no nyinaa dua.
17
Na pata n’abien no bom yɛ no dua koro, na ɛnyɛ biako wo nsam.
18
Na sɛ wo man mma ka kyerɛ wo sɛ: So worenkyerɛ yɛn nea wode eyinom yɛ a,
19
ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merefa Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam no ne Israel mmusuakuw a wɔka ne ho no, mede wɔn maka Yuda dua no ho, na mayɛ wɔn dua koro, na wɔayɛ biako, me nsam.
20
Na nnua a woakyerɛkyerɛw so no ntena wo nsam, wɔn anim;
21
na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, merekɔfa Israel mma afi amanaman a wɔakokɔ hɔ no mu, na maboa wɔn ano afi mmaa nyinaa ahyia, na mede wɔn makɔ wɔn asase so,
22
na mede wɔn mayɛ ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔw no so, na ɔhene biako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahenni abien bio,
23
na wɔremfa wɔn abosonhuhuw ne wɔn atantanne ne wɔn mmaratode nyinaa ngu wɔn ho fi bio, na megye wɔn nkwa, wɔn tenabea nyinaa a wɔayɛ hɔ bɔne no, na matew wɔn ho, na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.
24
Na m’akoa Dawid bedi wɔn so hene, na oguanhwɛfo koro adi wɔn nyinaa so, na wɔanantew m’atemmude mu, na wɔahwɛ m’ahyɛde ayɛ,
25
na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa so no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akosi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberɛmpɔn akosi daa.
26
Na me ne wɔn bɛpam asomdwoe apam, ɛbɛyɛ wɔn daa apam, na mɛma wɔatim na mama wɔafɛe, na mede me kronkronbea mesi wɔn mu akosi daa.
27
Na me tenabea besi wɔn so, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,
28
na amanaman no ahu sɛ mene AWURADE a metew Israel ho, bere a me kronkronbea si wɔn mu kosi daa no.
← Chapter 36
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 38 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
Recommended Reading
Commentary
Ezekiel Commentaries
→
Devotional
Ezekiel Devotional Guide
→
Get This Bible
Twi Bible (DC KYERƐW KRONKRON) Study Bible
→