bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 10
Jeremiah 10
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 11 →
1
Israel fi, muntie asɛm a AWURADE reka akyerɛ mo:
2
Sɛ AWURADE se ni: Munnsua amanaman kwan no, na munnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnne, na amanaman na wosuro ɛnonom.
3
Na aman no anyame yɛ ahuhude: Na ɛyɛ dua a wɔatwa kwae mu, odwumfo nsa ano adwuma a ɔde dade yɛe.
4
Nnipa de dwetɛ ne sika hyehyɛ no; ɔde nnadewa ne asae bobɔ mu, na ampɔn.
5
Wɔte sɛ ntɔrewa afuw mu krakrabotobi, na wontumi nkasa, ɔsoa na wɔsoa wɔn, efisɛ wontu anammɔn; munnsuro wɔn, na wontumi nyɛ bɔne bi, na papayɛ nso nni wɔn hɔ.
6
Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, AWURADE; wo na woyɛ kɛse, na wo din nso so, mmaninyɛ mu.
7
Hena na ɔrensuro wo, amanaman hene, efisɛ wo na ɛfata wo. Na amanaman anyansafo nyinaa mu ne wɔn ahenni nyinaa mu, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo.
8
Na wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo; ahoni kasakyerɛ! Enye mma hwee, ɛyɛ dua!
9
Wɔde dwetɛ a wɔaboro fi Tarsis ba, ne sika nso fi Ufas, ɛyɛ odwumfo nsa ano adwuma; bibitama ne ntama a ɛberedum na efura wɔn, wɔn nyinaa yɛ adwumfo nsa ano adwuma.
10
Na AWURADE ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa hene; n’abufuw nti asase wosow, na amanaman ntumi n’abufuhyew.
11
Saa na monse wɔn ni: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, bɛyera efi asase so, ne ɔsoro ase.
12
Onyankopɔn na ɔde ne tumi yɛɛ asase, de ne nyansa maa wiase tim hɔ, na ɔde ne nhumu trɛw ɔsoro mu.
13
Ɔma ne nne so a, nsu pii ba ɔsoro, na ɔma suwusiw tu fi asase ano noho. Ɔyɛ anyinam ka osu ho, otu mframa fi n’adekorabea.
14
Nnipa nyinaa yɛ agyimifo a wonni nimdeɛ, sikadwumfo nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho, efisɛ wɔn agude no yɛ atoro, na ahome nni wɔn mu.
15
Wɔyɛ adehunu nko, adwumahunu nko; wɔn asotwe bere no mu, wɔbɛyera.
16
Yakob kyɛfa nte sɛ eyinom, na ade nyinaa yɛfo ne no, na Israel ne n’apɛgyade a ne poma di so; asafo AWURADE ne ne din.
17
Boaboa w’ahode ano fi asase so, wo a wote kurow a wɔatua ho no mu.
18
Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meretow asase no sofo ataabo afei, na mahiahia wɔn ho, na wɔahu.
19
M’amane nti minnue, me pira yɛ me yaw; nanso mise: Me yaw ara ne no, na meso mu.
20
Me ntamadan asɛe, na me ntampehama nyinaa mu atetew; me mma afi me ho kɔ, na wonni hɔ; obiara nni hɔ a ɔbɛyere me ntamadan mu bio, na wasi me mmɔhɔɔ!
21
Na ahwɛfo no adan mmoa, na wommisa AWURADE akyi kwan; ɛno nti wɔanni yiye, na wɔn a wɔhwɛ wɔn so no nyinaa abɔ apete.
22
Muntie dede bi, tie, ɛreba, na gyegyeegye kɛse fi atifi fam asase so reba, sɛ wɔrebɛyɛ Yuda nkurow no amamfo, ne sakraman tenabea.
23
AWURADE, mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni onipa nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.
24
AWURADE, teɛ me so, nso yɛ no sɛnea ɛfata nko; ɛnyɛ w’abufuw so, na woannwerɛw me.
25
Ma w’abufuhyew ngu amanaman a wonnim wo no so, ne nkurɔfo a wɔmmɔ wo din no so, efisɛ wɔatetew Yakob, wɔatetew no amene no, na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.
← Chapter 9
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 11 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52