bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 27
Jeremiah 27
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 28 →
1
Yuda hene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba ahenni mfiase na asɛm yi fii AWURADE hɔ baa Yeremia nkyɛn sɛ:
2
Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Yɛ nkyehama ne kɔndua fa, na fa bɔ wo kɔn;
3
na fa fa abɔfo a wɔbaa Yuda hene Sedekia nkyɛn Yerusalem no so mena Edom hene ne Moab hene ne Amonfo hene ne Tiro hene ne Sidon hene,
4
na hyɛ wɔn na wɔnkɔka nkyerɛ wɔn wuranom sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ monkɔka nkyerɛ mo wuranom ni:
5
Me na mede me tumi kɛse ne me basa a ateɛ meyɛɛ asase, nnipa ne mmoa a wɔwɔ asase ani, na mede mema obiara sɛ ɛteɛ m’ani so.
6
Na afei mede nsaase yi nyinaa mahyɛ m’akoa Nebukadnesar, Babel hene no, nsa, na mede wuram mmoa po mama no sɛ wɔnsom no.
7
Na amanaman nyinaa bɛsom no ne ne ba ne ne ba ba ara akosi sɛ ɔno nso n’asase bere bedu, na amanaman bebree ne ahene akɛse ama wasom bi.
8
Na ɔman ne ahenni a wɔnsom ɔno Babel hene Nebukadnesar na wɔmfa wɔn kɔn nhyɛ Babel hene kɔndua ase no, afoa ne ɔkɔm ne owuyare na mede mɛba abɛtwe ɔman no aso, AWURADE asɛm ni, akosi sɛ mɛdwerɛw wɔn ne nsam.
9
Enti munntie mo adiyifo ne mo nkɔmhyɛfo ne mo adae asekyerɛfo ne mo akɔmfo ne mo ntafowayifo a wɔka kyerɛ mo sɛ morensom Babel hene no,
10
na nkɔntoro na wɔhyɛ mo, nea ɛbɛyɛ na wɔayi mo afi mo asase so akɔ akyirikyiri, na masunsum mo na moayera.
11
Na ɔman a ɛde ne kɔn hyɛ Babel kɔndua ase na ɛsom no no, mɛma waka n’asase so, AWURADE asɛm ni, na wɔadɔw so atena so.
12
Na mekasa mekyerɛɛ Yuda hene Sedekia sɛ nsɛm yi nyinaa te sɛ: Momfa mo kɔn nhyɛ Babel kɔndua ase, na monsom no ne ne man, na moanya nkwa.
13
Ɛdɛn nti na wo ne wo man rebewuwu afoa, ɔkɔm ne owuyare ano, sɛnea AWURADE ka kyerɛ ɔman a ɛrensom Babel hene no?
14
Na munntie adiyifo a wose mo sɛ: Morensom Babel hene no, efisɛ nkɔntoro na wɔhyɛ mo.
15
Na mensomaa wɔn ɛ, AWURADE asɛm ni, na wɔn ara na wɔde me din hyɛ nkɔntoro, sɛnea ɛbɛyɛ na masunsum mo, na moayera, mo ne mo adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm no.
16
Na asɔfo no ne ɔman yi nyinaa, meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Munntie adiyifo a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ: Hwɛ, ɛrenkyɛ koraa na wɔde AWURADE fi nneɛma no bɛsan afi Babel aba, no nsɛm, na nkɔntoro na wɔhyɛ mo.
17
Munntie wɔn; monsom Babel hene na munnya nkwa, ɛdɛn nti na kurow yi nnan akurofo?
18
Na sɛ wɔyɛ adiyifo na sɛ AWURADE asɛm wɔ wɔn hɔ a, ma wɔnkotɔ nsrɛ asafo AWURADE, na nneɛma a aka AWURADE fi ne Yuda hene fi ne Yerusalem no ankɔ Babel.
19
Na sɛɛ na asafo AWURADE ka adum ne ɛpo ne nsugye nnaka ne nneɛma a aka kurow yi mu nkae no ho,
20
nneɛma a Babel hene Nebukadnesar tuu Yuda hene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankɔ no,
21
sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ka, nneɛma a ɛkaa AWURADE fi ne Yuda hene fi ne Yerusalem ho ni:
22
Wɔde bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɛbɛtena akosi da a mɛba mabɛhwɛ wɔn, AWURADE asɛm ni, na mede wɔn masan maba ha.
← Chapter 26
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 28 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52