bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 18
Jeremiah 18
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 19 →
1
Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn ni:
2
Sɔre sian kɔ ɔnwemfo fi, na mɛma woate me nsɛm hɔ.
3
Ɛnna misian mekɔɔ ɔnwemfo fi, na hwɛ, ɔreyɛ n’abo so adwuma.
4
Na ade a ɔreyɛ, sɛ ɔnwemfo nsam dɔte no, sɛee. Na ɔsan de yɛɛ ade foforo, sɛnea ɛteɛ ɔnwemfo no ani so.
5
Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
6
So merentumi nyɛ mo, Israel fi, sɛ ɔnwemfo yi? AWURADE asɛm ni. Hwɛ, sɛ dɔte te ɔnwemfo nsam no, saa ara na mo, Israel fi, nso mote me nsam.
7
Mpofirim na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ metu na madwerɛw na masɛe no.
8
Na sɛ ɔman no san fi ne bɔne a mekaa ho asɛm no mu a, ɛnne minu me ho adebɔne a misusuwii sɛ mɛyɛ wɔn no ho.
9
Na mpofirim nso na mekasa ɔman anaa ahenni bi ho, sɛ mede mesi hɔ na matɛw.
10
Na sɛ wɔyɛ m’ani so bɔne ntie me a, ɛnne minu me ho, yiye a mekae sɛ mɛyɛ wɔn no ho.
11
Na afei ka kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, meredwen mo ho bɔne na mapam mo so apam. Mo nyinaa monsan mo akyi mfi mo kwammɔne so, na momma mo akwan ne mo nsɛnnii nyɛ yiye ɛ!
12
Na wɔbɛka sɛ: Ɔkwa! Na mmom yebedi yɛn tirim asɛm akyi, na yɛayeyɛ yɛn koma bɔne denyɛ no so ade.
13
Enti sɛ AWURADE se ni: Munkobisa amanaman no mu ɛ, hena na wate saa ade yi pɛn? Ahodwiriwde pa ara na Israel ababaa no ayɛ.
14
So Lebanon sukyerɛma pa asase so botantim no? So amannɔne nsuwansuwa wiridudu a ɛsen no bɛyow?
15
Na me man werɛ afi me, wɔahyew aduhuam ama atetade, na wɔma wohintihintiw wɔn akwan so, teteete atempɔn so, sɛ wɔnnantew akwan a ɛnyɛ akwammɔne so.
16
Sɛ wɔnnan wɔn asase no amamfo ne daa fɛwdi. Obiara a obetwam hɔnom no ho bedwiriw no, na wawosow ne ti.
17
Te sɛ apuei mframa no, mɛbɔ wɔn mapete wɔn atamfo anim, m’akyi mmom, na ɛnyɛ anim, na mede mɛkyerɛ wɔn, wɔ wɔn sɛe da no.
18
Na wɔkae sɛ: Mommra mma yɛnkɔpam Yeremia tiri so, na mmara remfi ɔsɔfo nsa, na afotu rempa onyansafo anom, na asɛm remmɔ odiyifo. Mommra mma yɛmfa tɛkrɛma nkum no, na mommma yɛnnyɛ aso nntie ne nsɛm no biara.
19
Yɛ aso ma me ɛ, AWURADE, na tie wɔn a wɔne me ham no.
20
So wɔmfa bɔne nhyɛ papa ananmu? Nso wɔatu amoa ama me kra, Kae sɛnea migyinaa w’anim sɛ mereka papa mama wɔn, na mede asan w’abufuw afi wɔn so.
21
Enti yiyi wɔn mma ma ɔkɔm, na yi wɔn to afoa ano, na wɔn yerenom nni mmasigyaw na wɔnnannan akunafo, na owu nkum wɔn mmarima, na wɔmfa afoa mmobɔ wɔn mmerante dɔm ano.
22
Ma wɔnte osu nka mfi wɔn afi mu, sɛ wode asafo bi reba wɔn so mpofirim, efisɛ wɔatu amoa sɛ wɔde reyi me, na wɔasunsum m’anan afiri.
23
Na wo, AWURADE, wunim wɔn agyina a wɔkɔ me ho repɛ me wu no nyinaa. Nkata wɔn amumɔyɛ so, na mpopa wɔn bɔne mfi w’anim, na wɔnhwehwe w’anim ase; w’abufuw bere mu na wo ne wɔn nni.
← Chapter 17
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 19 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52