bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 16
Jeremiah 16
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 17 →
1
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2
Nware yere, na nnya mmabanin ne mmabea ɛha yi.
3
Na sɛ AWURADE ka mmabanin ne mmabea a wɔwo ha yi, ne wɔn nanom a wɔwo wɔn ne wɔn agyanom a wɔwo wɔn asase yi so no ho ni:
4
Owuyare bɛbobɔ wɔn ma wɔawuwu, wɔrenyɛ wɔn ayi na wɔrensie wɔn, wɔbɛdannan sumina asase ani, na afoa ne ɔkɔm bɛdwerɛw wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ wim nnomaa ne asase so mmoa aduan.
5
Na sɛ AWURADE se ni: Nhyɛn ofi a wosu mu mu, na nkɔ ayi ase na nnyam wɔn, efisɛ mayi m’asomdwoe afi ɔman yi so, AWURADE asɛm ni, mayi adɔe ne mmɔborohunu.
6
Na nnipa akɛse ne nkumaa bewuwu asase yi so; wɔrensie wɔn na wɔrenyɛ wɔn ayi, na obi remmɔ ne ho akam, obi remmɔ tikwaw mma wɔn,
7
na wɔremmubu abodoo mma wɔn, ayi ase, sɛ wɔde rema wɔn due, owufo no ho, na wɔremma wɔn awerɛkyekye kuruwa, obi n’agya ne ne na ho.
8
Nanso nkɔ asanom fi ne wɔn nkɔtena ase nnidi nnom.
9
Na sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn no, se ni: Hwɛ, merema ahosɛpɛw nne ne anigye nne, ayeforokunu nne ne ayeforo nne to atwa ɛha yi, mo aniwa mu ne mo bere yi so.
10
Na sɛ woka nsɛm yi nyinaa kyerɛ ɔman yi na wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ka adebɔne kɛse yi gu yɛn so yi, na dɛn ne yɛn amumɔyɛ anaasɛ dɛn ne yɛn bɔne a yɛayɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn no?
11
Ɛnne ka kyerɛ wɔn sɛ: Esiane sɛ mo agyanom agyaw me, AWURADE asɛm ni, na wɔakodi anyame foforo akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me de, wɔagyaw me, na me mmara nso, wɔanni so,
12
na mo de, mudi asɛmmɔne sen mo agyanom, na hwɛ, mo nyinaa monam di mo koma bɔne denyɛ akyi a muntie me,
13
enti mɛtow mo afi asase yi so agu asase bi a mo ne mo agyanom nnim so, na moakɔsom anyame foforo hɔ, awia ne anadwo, efisɛ merenhu mo mmɔbɔ.
14
Ne saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israelfo fii Misraim asase so bae no te ase yi,
15
na mmom wɔbɛka sɛ: Sɛ AWURADE a oyii Israelfo fii atifi fam asase so ne nsaase a ɔpam wɔn kɔɔ hɔ nyinaa so no te ase yi. Na mede wɔn mɛsan maba wɔn asase a mede memaa wɔn agyanom no so.
16
Hwɛ, mɛma wɔakɔfa apofofo pii aba, AWURADE asɛm ni, na wɔakoyi wɔn, na eyi akyi no mɛma wɔakɔfa abɔmmɔfo pii aba, na wɔakɔtwee wɔn afi mmepɔw nyinaa so ne nkoko nyinaa so ne abotan ntokuru mu.
17
Na m’aniwa hwɛ wɔn akwan nyinaa, enhintaw me ɛ, na wɔn amumɔyɛ nso, ɛso nkatae m’anim ɛ.
18
Na metua wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanne ne wɔn akyide afunu ahyɛ m’agyapade no ma.
19
O AWURADE, m’ahoɔden ne m’aban dennen ne me guankɔbea ahohia da mu, wo nkyɛn na amanaman befi asase anoano aba abɛka sɛ: Atoro nko ne yɛn agyanom awunnyade no, ahuhude a mfaso nni mu.
20
So onipa bɛyɛ anyame a wɔnyɛ anyame afa?
21
Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahu pɛnkoro yi, mɛma wɔahu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahu sɛ me din ne AWURADE.
← Chapter 15
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 17 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52