bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 52
Jeremiah 52
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 51
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
1
Sedekia dii mfe aduonu biako na obedii hene, na odii hene mfe dubiako Yerusalem; na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna ba.
2
Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Yehoiakim yɛe no nyinaa.
3
Na AWURADE abufuw nti na ɛbae saa, Yerusalem ne Yuda, de kosii sɛ ɔtow wɔn fii n’anim gui. Na Sedekia tew Babel hene anim atua.
4
Na n’ahenni afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du, da a ɛto so du no, Babel hene Nebukadnesar, ɔno ne n’asraafo dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛbɔɔ so nsra, na wɔtotoo ho mpempe hyiae.
5
Na kurow no dii kamu kosii ɔhene Sedekia afe a ɛto so dubiako no mu.
6
Ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so akron no, ɔkɔm no mu yɛɛ den kurow no mu, na aduan biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfo no.
7
Ɛnna wotuu kurow no mu hyɛn mu, na mmarima akofo no nyinaa guan fii kurow no mu anadwo faa ɔponkɛse mu, afasu abien a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam kɔe, nso na Kaldeafo atwa kurow no ho ahyia, na wɔfaa Yordan tataw kwan so kɔe.
8
Na Kaldeafo dɔm tiw ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko tataw no so, na n’asraafo dɔm nyinaa fii ne ho petee.
9
Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn.
10
Na Babel hene kum Sedekia mmammarima n’anim, na okunkum Yuda mmapɔmma nyinaa nso wɔ Ribla.
11
Na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na ɔma woguu no kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn abien, na Babel hene de no kɔɔ Babel, na ɔde no hyɛɛ awɛmfo dan mu kosii ne wuda.
12
Na ɔsram a ɛto so anum, da a ɛto so du a ɛne Babel hene Nebukadnesar afe a ɛto so dunkron no mu na ankɔbeahene Nebusaradan a ogyina Babel hene anim no baa Yerusalem,
13
na ɔbɛhyew AWURADE fi ne ɔhene fi ne Yerusalem afi nyinaa, afi akɛse nyinaa, ɔde ogya hyewee.
14
Na Kaldeafo asraafo dɔm a wɔne ankɔbeahene no bae no nyinaa buruw Yerusalem afasu no nyinaa hyiae.
15
Na ɔman no mu ahiafo no mu bi, ne nkurɔfo no nkae a wɔkae kurow no mu no, ne awaefo a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn no, ne asafo yuu no nkae no, na ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.
16
Nanso ankɔbeahene Nebusaradan gyaw asase no so ahiafo no bi, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfo ne akuafo.
17
Na kɔbere adum a ɛwowɔ AWURADE fi ne nsugye nnaka ne kɔbere po a ɛwɔ AWURADE fi no, Kaldeafo no bubuu mu, na wɔsoaa kɔbere no nyinaa kɔɔ Babel.
18
Na nseaa ne sesaw ade ne adumgya ne nkora ne nsankawa ne kɔbere nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae,
19
na nyaawa ne nso kukuwa ne nkora ne nseaa ne kanea nnua ne nsankawa ne nkuruwa no, nea ɛyɛ sika no sika ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, ankɔbeahene no fa kɔe.
20
Adum abien no, ɛpo biako no, kɔbere anantwi dumien a ɛwɔ ase no, nsugye nnaka a ɔhene Solomon yɛ maa AWURADE fi no, nneɛma yi nyinaa kɔbere no, wɔantumi ankari.
21
Adum no, biako korɔn si basafa akron, na basafa asia hama twa ho hyia, na emu pipripi yɛ nsatea anan, na ɔkwan da mu.
22
Na ɛso duntiri no yɛ kɔbere, na oduntiri no korɔn yɛ basafa abien ne fa, na ntontan ne atea aba wowɔ oduntiri no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere, na odum a ɛto so abien no ho wɔ ɛno ara bi ne atea aba.
23
Na atea aba a ɛsensɛn mframa ano no si aduakron asia, na atea aba a ɛwowɔ ntontan no ho hyia no nyinaa si ɔha.
24
Na ankɔbeahene no faa ɔsɔfo titiriw Seraia ne ɔsɔfo a odi so Sefania ne aponanohwɛfo baasa,
25
na kurow no mu nso ɔfaa opiani biako a wɔde no sii akofo no so, ne wɔn a wɔne ɔhene tu agyina no mu mmarima baasɔn a wohuu wɔn kurow no mu, ne ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfo kɔ ɔsa no kyerɛwfo ne asase no so nkurɔfo mu mmarima aduosia a wohuu wɔn kurow no mu no,
26
na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene nkyɛn wɔ Ribla.
27
Na Babel hene no bobɔɔ wɔn kunkum wɔn Ribla a ɛwɔ Hamat asase so. Saa na wotuu Yuda fii n’asase so kɔe.
28
Eyi ne ɔman a Nebukadnesar tuu wɔn kɔe no: Afe a ɛto so ason no mu no, Yudafo mpensa aduonu abiɛsa;
29
Nebukadnesar afe a ɛto so dunwɔtwe no mu no, Yerusalem nnipa ahanwɔtwe aduasa abien;
30
Nebukadnesar afe a ɛto so aduonu abiɛsa no mu no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu Yudafo ahansɔn aduanan anum kɔe: Nnipa no nyinaa si mpemnan ahansia.
31
Na Yuda hene Yehoiakin tukɔ afe a ɛto so aduasa ason so, ɔsram a ɛto so dumien, da a ɛto so aduonu anum no, Babel hene Ewil-merodak, afe a obedii mu hene no, ɔmaa Yuda hene Yehoiakin ti so, na oyii no fii nneduafo dan mu,
32
na ɔne no kasaa ɔkasa pa, na ɔmaa n’agua kyɛn ahene a wɔne no wɔ Babel no agua.
33
Na ɔma oyii ne duam nna ntade no, na odidii n’anim daa, ne nkwa nna nyinaa.
34
Na nea wɔde ato hɔ sɛ wɔmma no daa no, efi ɔhene nkyɛn na wɔde ma no, da biara ne ne de, ne nkwa nna nyinaa de kosii ne wuda.
← Chapter 51
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52