bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 39
Jeremiah 39
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 38
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 40 →
1
Na wɔfaa Yerusalem no, Yuda hene Sedekia afe a ɛto so akron, ɔsram a ɛto so du no so na Babel hene Nebukadnesar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem bɛkaa no hyɛɛ mu.
2
Sedekia afe a ɛto so dubiako, ɔsram a ɛto so anan, da a ɛto so akron na woburuw kurow no,
3
na Babel hene mmapɔmma nyinaa ba bɛtenaa mfinimfini ponkɛse no mu: Nergal-sareser, Samgar-nebo, Sarsekim a ɔyɛ Rabsaris, Nergal-sareser a ɔyɛ Rabmag, ne Babel hene mmapɔmma a aka no nyinaa.
4
Na Yuda hene Sedekia ne mmarima akofo no nyinaa huu wɔn no, woguanguanee, na wofii kurow no mu anadwo, ɔhene turom kwan so faa ɔponkɛse mu, afasu abien no ntam, na ofii adi faa tataw mu kwan so kɔe.
5
Na Kaldeafo dɔm no tiw wɔn, na wɔkɔtoo Sedekia Yeriko tataw mu, na wɔfaa no de no foro kɔɔ Babel hene Nebukadnesar nkyɛn Ribla a ɛwɔ Hamat asase so, na ɔne no yii ntɛn wɔ hɔ.
6
Na Babel hene kunkum Sedekia mma n’anim Ribla; na Yuda adehye nyinaa nso, Babel hene kunkum wɔn.
7
Na ɔbobɔɔ Sedekia aniwa, na ɔma wɔde kɔbere mpokyerɛ guu no, sɛ wɔmfa no nkɔ Babel.
8
Na ahemfi ne ɔmanfo no afi de, Kaldeafo no de ogya hyewee, na woburuw Yerusalem afasu no.
9
Na ɔman no nkae a wɔkae kurow no mu ne awaefo a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkae a wɔkae no, abrafohene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel.
10
Nanso ankɔbeahene Nebusaradan gyaw ɔman no mu ahiafo a wonni biribi no mu bi wɔ Yuda asase no so, na ɔde bobe nturo ne mfuwa momaa wɔn da no.
11
Na Babel hene Nebukadnesar hyɛɛ ankɔbeahene Nebusaradan wɔ Yeremia ho sɛ:
12
Fa no ma w’ani nku ne ho, na nyɛ no bɔne biara. Na sɛnea ɔbɛka akyerɛ wo no, saa ara na yɛ ma no.
13
Ɛnna ankɔbeahene Nebusaradan ne mpiafohene Nebusasban, ne Rabmag, Nergal-sareser, ne Babel hene atitiriw no nyinaa,
14
soma ma wɔkɔfaa Yeremia fii awɛmfo abangua mu bae, na wɔde no maa Safan ba Ahikam ba Gedalia sɛ ɔmfa no mfi hɔ nkɔ fie, na ɔkɔtenaa nkurɔfo no mu.
15
Na Yeremia da so da duam awɛmfo abangua no mu no, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:
16
Kɔ na kɔka kyerɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Hwɛ, merema me nsɛm no aba mu kurow yi so, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yiye, w’anim na ɛbɛba mu da no.
17
Nanso ɛda no, meyi wo, AWURADE asɛm ni, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wusuro wɔn anim no nsa.
18
Na ofi na mɛma woafi mu afi, na worentɔ afoa ano; na wo kra bɛdan wo asade, efisɛ wode wo ho too me so, AWURADE asɛm ni.
← Chapter 38
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 40 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52