bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 19
Jeremiah 19
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 20 →
1
Sɛ AWURADE kae ni: Kɔ na kɔtɔ ɔnwemfo nkyɛn kuruwa bi, na fa ɔman no mu mpanyimfo ne asɔfo mu mpanyimfo no bi ka wo ho,
2
na fi adi kɔ Hinom ba bon a ɛwɔ anwemfo pon ano no mu, na pae nsɛm a mɛka makyerɛ wo no wɔ hɔ.
3
Na ka sɛ: Muntie AWURADE asɛm, Yuda ahemfo ne Yerusalemfo. Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede adebɔne reba ɛha yi a obiara a ɔbɛte no, n’asom bɛyɛ no yɔnn.
4
Efisɛ ɔman no agyaw me, na wɔadi ananafo asɛm ɛha yi, na wɔahyew aduhuam wɔ ha, ama anyame foforo a wɔne wɔn agyanom ne Yuda ahene nhuu wɔn pɛn, na wɔde bemdifo mogya ahyɛ ɛha yi ma.
5
Na wɔasisi Baal sorɔnsorɔmmea, sɛ wɔde ogya bɛhyew wɔn mma abobɔ ɔhyew afɔre ama Baal, nso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmaa me komam da.
6
Ne saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm ni, nna bi reba a wɔremfrɛ ha yi sɛ Tofet anaasɛ Hinom ba bon bio, na mmom wɔbɛfrɛ no: Okum bon.
7
Na mɛma Yuda ne Yerusalem agyina ayɛ hunu ɛha yi, na mama wɔatotɔ afoa ano, wɔn atamfo anim ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsam, na mede wɔn afunu mama wim nnomaa ne wuram mmoa adi.
8
Na mɛyɛ kurow yi amamfo ne fɛwdi, obiara a obetwam wɔ ho no, ne sɛe no nyinaa nti ne ho bedwiriw no na wabɔ hwirema hweehwee.
9
Na mɛma wɔadi wɔn mmammarima nam ne wɔn mmabea nam, na wobedi wɔn ho wɔn ho nam, ahohia ne ahoguan a wɔn atamfo ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn akum wɔn no de beguan wɔn ho no mu.
10
Na bɔ kuruwa no mmarima a wɔne wo kɔe no anim,
11
na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛnea wɔbɔ ɔnwemfo kuku a wontumi nyɛ no yiye bio no, saa ara na mɛbɔ ɔman yi ne kurow yi. Na Tofet ara na wobesie wɔn, efisɛ wɔrennya baabi nsie bio.
12
Saa na mɛyɛ ɛha yi ne ɛhafo, AWURADE asɛm ni, na mede kurow yi mɛyɛ sɛ Tofet.
13
Na Yerusalem afi ne Yuda ahene afi no ho begu fi sɛ Tofet hɔ, adan a wɔahyehyew atifi aduhuam ama ɔsoro asafo nyinaa no nyinaa, na wɔahwie ahwiesa ama anyame foforo no.
14
Ɛnna Yeremia fii Tofet, nea AWURADE somaa no adiyisɛm ka hɔ bae, na okogyinaa AWURADE fi abangua mu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ:
15
Sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede bɔne a maka magu kurow yi so no nyinaa bɛba ɛno ne ɛho nkurow nyinaa so, efisɛ wɔasen wɔn kɔn, nea ɛbɛyɛ na wɔantie me nsɛm.
← Chapter 18
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 20 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52