bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 13
Jeremiah 13
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 14 →
1
Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso, na fa bɔ w’asen, na mfa mmɔ nsu mu.
2
Ɛnna midii AWURADE asɛm no so kɔtɔɔ abɔso no, na mede mebɔɔ m’asen.
3
Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu so, sɛ:
4
Fa abɔso a wotɔe a ɛbɔ w’asen no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔkora ɔbotan tokuru mu.
5
Na misiim mede mekɔkorae Eufrate, sɛnea AWURADE hyɛɛ me no.
6
Na nna pii akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔso a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔkora hɔ no bra.
7
Na misiim mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔso no mifii nea mede mekorae no; na hwɛ, abɔso no asuw, enye mma hwee.
8
Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
9
Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.
10
Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wotie me nsɛm, na wɔnam wɔn koma denyɛ mu, na wodi anyame foforo akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔso a enye mma hwee yi.
11
Na sɛnea abɔso fam onipa asen no, saa ara na mama Israel fi nyinaa ne Yuda fi nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔnyɛ me ɔman ne din ne ayeyi ne anuonyam; nanso wɔantie.
12
Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: So onim na yennim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama?
13
Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mɛma asase yi sofo nyinaa, ne ahene a wɔtete Dawid agua so, ne asɔfo ne adiyifo ne Yerusalemfo nyinaa abobow tintaan.
14
Na mede wɔn mɛbobɔ wɔn yɔnkonom, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm ni; merenkyɛe wɔn so, na merenhu wɔn mmɔbɔ, na me yam renhyehye me a enti merensɛe wɔn.
15
Muntie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na ɔkasa.
16
Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo anan ahintiw mmepɔw kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadan no sunsuma, na wama sum kabii aduru.
17
Na sɛ moantie a, me kra besu kokoam, mo ahantan nti, na m’aniwam afi nusu ara, na nusu aporoporow me, sɛ wɔafa AWURADE nguankuw no nnommum.
18
Se ɔhene ne ɔhemmea no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo anuonyam abotiri no afi mo atifi atɔ.
19
Wɔatoto nifa fam nkurow no mu, na obi nni hɔ a obehiɛ; wɔatu Yuda nyinaa kɔ, wɔatu wɔn kɔ korakora.
20
Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wofi atifi fam reba yi, ɛhe na wo mmoakuw a wɔde maa wo, w’anuonyam nguan kuw no wɔ?
21
Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛn wɔn sɛ wo nnamfonom si wo so atitiriw a, dɛn na wobɛka? So awoko renka wo sɛ ɔbea wofo anaa?
22
Na sɛ woka wo koma mu sɛ: Ɛdɛn nti na eyinom ato me yi a, w’amumɔyɛ bebree nti na wɔayi w’atade nhyɛase adi, wɔahyɛ wo nantin yaw.
23
So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworannworan? Ɛnne mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo.
24
Enti mɛbɔ wɔn mapete sɛ ntɛtɛwa a sare so mframa de no kɔ.
25
Eyi ne w’ade a wubenya, wo kyɛfa a masusuw mama wo, AWURADE asɛm ni, efisɛ wo werɛ afi me, na wode wo ho ato atoro so.
26
Na m’ankasa nso meyi w’atade nhyɛase mabua w’ani so, na wɔahu w’ahohora no.
27
Mahu w’atantansɛm no W’awaresɛe ne wo mmɔnbɔ, w’aguamammɔ a womfɛre ho no, wɔ nwuram ne nkoko so. Due, O Yerusalem, enkosi da bɛn ara na wo ho bɛtew bio?
← Chapter 12
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 14 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52