bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 12
Jeremiah 12
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 13 →
1
AWURADE, sɛ me ne wo bɔ nkuro a, wobedi bem ara; nanso me ne wo bɛkasa ara: Ɛdɛn nti na abɔnefo kwan si yiye na nkɔnkɔnsafo nyinaa nso ho dwo wɔn?
2
Wotɛw wɔn, na wogye ntini; wonyinnyin na wɔsosow aba nso; wobɛn wɔn ano, na wo ne wɔn asaabo ntam pan.
3
Nanso wo, AWURADE, wunim me; wuhu me, na wosɔ me koma hwɛ, sɛ ɛte wo fam! Tutu wɔn sɛ nguan a wɔrekokum wɔn, na hyira wɔn so sie okum da.
4
Enkosi da bɛn na asase no nni nkɔmmɔ, na afum ahaban ntwintam? Ɛsofo bɔne no nti mmoa ne nnomaa awie sa, efisɛ wɔka sɛ: Ɔrenhu yɛn awiei.
5
Sɛ wo ne anammɔnmufo po tu mmirika na wɔma wobrɛ a, ɛnne ɛbɛyɛ dɛn na wo ne apɔnkɔ besi ammirikakane? Na sɛ asase a ɛso da hɔ no so po, wohwe ase a, ɛnne wobɛyɛ dɛn Yordan kwae no mu?
6
Na wo nuanom nso ne w’agya fi, wɔn po twa wo nkontompo, wɔn nso teɛm dennen di w’akyi; sɛ wɔka adɔkɔdɔkɔsɛm kyerɛ wo a, nnye wɔn nni.
7
Magyaw me fi, matow m’agyapade magu; mede me kra adɔde mahyɛ n’atamfo nsa.
8
M’agyapade adan me sɛ kwae mu gyata; wama ne nne so ahyɛ me, enti mikyi no.
9
So m’agyapade adan me ɔkɔre a ɔdɛnsow? So akɔre atwa ne ho ahyia? Monkɔ nkɔboaboa wuram mmoadoma nyinaa ano mmra, na wommedidi.
10
Mmoahwɛfo pii asɛe me bobeturo atiatia me kyɛfa so, wɔadan me kyɛfa fɛfɛ no ayɛ no sare pradada;
11
wɔasɛe no pasaa, ayɛ dwerɛbee na esu frɛ me; wɔasɛe asase no nyinaa, nso obi nni hɔ a ɔde sie ne koma mu.
12
Asɛefo aba sare so mpampa nyinaa so, na AWURADE afoa retwitwa afi asase ano akosi asase ano; asomdwoe bi nni hɔ mma ɔhonam biara.
13
Woguu awi, na wotwaa nsɔe; wɔbrɛe, na wɔannya mu hwee. Na mo ani bewuwu mo nnɔbae ho, AWURADE abufuhyew no ano.
14
Sɛɛ na AWURADE ka wɔn a wɔtete me ho no nyinaa ho: Nnipa bɔne a wɔde wɔn nsa aka agyapade a mede memaa me man Israel sɛ wonni no, hwɛ, meretutu wɔn afi wɔn asase so, na metu Yuda fi mafi wɔn mu.
15
Na matu wɔn no, akyi no, mɛsan mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa masan maba wɔn agyapade mu ne wɔn asase so mmiako mmiako.
16
Na sɛ wobesua me man akwan yiye aka me din ho ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, sɛnea wɔkyerɛɛ me man sɛ wɔnka Baal ntam no a, ɛnne wɔde wɔn besisi me man mu.
17
Na sɛ wɔantie a, ɛnne metutu saa ɔman no magu, na metutu na maseɛ wɔn, AWURADE asɛm ni.
← Chapter 11
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 13 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52