bible
ra
🌐 Language
English
Español
Français
Deutsch
Português
Italiano
Nederlands
Русский
中文
日本語
한국어
العربية
Türkçe
Tiếng Việt
ไทย
Indonesia
All Languages
Home
/
Twi
/
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
/
Jeremiah 37
Jeremiah 37
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
← Chapter 36
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 38 →
1
Na ɔhene Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bedii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babel hene Nebukadnesar sii no Yuda asase so hene no ananmu.
2
Na ɔno ne ne nkoa ne asase no so nkurɔfo antie AWURADE asɛm a ɔnam odiyifo Yeremia so kae no.
3
Na ɔhene Sedekia somaa Selemia ba Yehukal ne Maaseia ba ɔsɔfo Sefania baa odiyifo Yeremia nkyɛn sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpae ma yɛn ɛ!
4
Nso na Yeremia di ɔman no mu ahyemfiri, na wɔmfaa no ntoo nneduafo dan mu ɛ.
5
Na Farao dɔm afi Misraim reba, na Kaldeafo a wɔaka Yerusalem ahyɛ mu no tee wɔn nka no, wotu fii Yerusalem ho kɔe.
6
Ɛnna AWURADE asɛm baa odiyifo Yeremia nkyɛn sɛ:
7
Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Sɛ monka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo nkyɛn bebisaa me hɔ ade no ni: Hwɛ, Farao dɔm a wɔafi rebɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Misraim wɔn asase so;
8
na Kaldeafo no bɛsan aba ne kurow yi abɛko, na wɔagye, na wɔde ogya ahyew.
9
Sɛ AWURADE se ni: Monnnaadaa mo ho sɛ: Kaldeafo afi yɛn so kɔ, efisɛ wɔrenkɔ.
10
Na sɛ mukum Kaldeafo a wɔne mo ko no dɔm nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafo mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntamadan mu mmiako mmiako de ogya abɛhyew kurow yi.
11
Na Kaldeafo dɔm tu fii Yerusalem ho Farao dɔm anim kɔe no,
12
Yeremia fii adi fii Yerusalem sɛ ɔrekɔ Benyamin asase so akogye ne kyɛfa nkurɔfo no mu.
13
Na oduu Benyamin ponkɛse mu no, na awɛmfo so panyin bi wɔ hɔ a ne din de Yiria, Hanania ba Selemia ba, na osoo odiyifo Yeremia mu kae sɛ: Kaldeafo no nkyɛn na woawae rekɔ.
14
Na Yeremia se: Ɛyɛ atoro! Menyɛ nea wawae rekɔ Kaldeafo nkyɛn. Na Yiria antie no, na osoo Yeremia mu de no kɔɔ mmapɔmma no nkyɛn.
15
Na mmapɔmma no bo huru hyɛɛ Yeremia, na wɔhwee no, na wɔde no kɔtoo mpokyerɛfo dan mu, ɔkyerɛwfo Yonatan fi, efisɛ ɛno na wɔde ayɛ nneduafo dan.
16
Ɛnna Yeremia kɔɔ amoa dan no mu ne ntokuru no mu; na Yeremia tenaa hɔ nna pii.
17
Na ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no bae, na ɔhene no bisaa no kokoam ne fi sɛ: So AWURADE asɛm bi wɔ wo hɔ anaa? Na Yeremia se: Ebi wɔ hɔ. Na ose: Wɔde wo bɛhyɛ Babel hene nsa.
18
Na Yeremia ka kyerɛɛ ɔhene Sedekia sɛ: Dɛn bɔne na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi, na mode me ato nneduafo dan mu yi?
19
Na ɛhe fa na mo adiyifo a wɔhyɛɛ mo nkɔm sɛ: Babel hene remma mo so ne asase yi so, no wɔ?
20
Na afei tie ɛ, me wura ɔhene, ma me nkotɔsrɛ nhwe w’anim, na mma wɔmmfa me nnsan nnkɔ ɔkyerɛwfo Yonatan fi, na mankowu hɔ.
21
Ɛnna ɔhene Sedekia hyɛe ma wɔhwɛɛ Yeremia so awɛmfo abangua mu, na da koro wɔma no abodoo sebɔw fi abodootofo borɔn mu kosii sɛ abodoo nyinaa sae kurow no mu. Na Yeremia tenaa awɛmfo abangua mu ara.
← Chapter 36
Jump to:
Chapter 1
Chapter 2
Chapter 3
Chapter 4
Chapter 5
Chapter 6
Chapter 7
Chapter 8
Chapter 9
Chapter 10
Chapter 11
Chapter 12
Chapter 13
Chapter 14
Chapter 15
Chapter 16
Chapter 17
Chapter 18
Chapter 19
Chapter 20
Chapter 21
Chapter 22
Chapter 23
Chapter 24
Chapter 25
Chapter 26
Chapter 27
Chapter 28
Chapter 29
Chapter 30
Chapter 31
Chapter 32
Chapter 33
Chapter 34
Chapter 35
Chapter 36
Chapter 37
Chapter 38
Chapter 39
Chapter 40
Chapter 41
Chapter 42
Chapter 43
Chapter 44
Chapter 45
Chapter 46
Chapter 47
Chapter 48
Chapter 49
Chapter 50
Chapter 51
Chapter 52
Chapter 38 →
All chapters:
1
2
3
4
5
6
7
8
9
10
11
12
13
14
15
16
17
18
19
20
21
22
23
24
25
26
27
28
29
30
31
32
33
34
35
36
37
38
39
40
41
42
43
44
45
46
47
48
49
50
51
52